Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
17 Berɛ a Dawid bɛtenaa ne fie* ara pɛ na ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan+ sɛ: “Hwɛ, me deɛ, mete fie a wɔde sida nnua asi+ mu, nanso Yehowa apam adaka no si ntomadan mu.”+ 2 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Deɛ ɛda w’akoma so biara, yɛ, na nokorɛ Nyankopɔn no di w’akyi.”
3 Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ: 4 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ɛnyɛ wo na wobɛsi fie ama matena mu.+ 5 Ɛfiri da a meyii Israel baeɛ de bɛsi nnɛ, mentenaa fie mu da, ntomadan mu ara na matena; metu firi ha a, na mekɔ ha.*+ 6 Ɛfiri berɛ a me ne Israelfoɔ nyinaa nanteeɛ yi, da bɛn na mebisaa Israel atemmufoɔ a meyii wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu baako mpo sɛ ‘Adɛn nti na momfaa sida dua nsii fie mmaa me?’”’
7 “Afei ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Me na meyii wo firii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa so hwɛ na bɛdi me man Israel anim.+ 8 Baabiara a wobɛkɔ nso mɛdi w’akyi,+ na mɛpra* w’atamfo nyinaa afiri w’anim,+ na mama woanya din te sɛ asaase so atitire.+ 9 Mɛsiesie baabi ama me man Israel na mede wɔn akɔdua hɔ; ɛhɔ na wɔbɛtena, na biribiara renha wɔn adwene bio. Amumuyɛfoɔ biara renhyɛ wɔn so* bio sɛ kane no,+ 10 ɛfiri berɛ a mede atemmufoɔ sisii me man Israel so no.+ Mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase.+ Na mese wo sɛ, ‘Yehowa bɛkyekyere fie* ama wo.’
11 “‘“Sɛ wo nkwa nna ba awieeɛ na wo ne w’agyanom kɔda a, w’akyi no mɛma w’aseni* bi so, wo mma no mu baako,+ na mɛma n’ahennie atim.+ 12 Ɔno na ɔbɛsi fie ama me,+ na mɛma n’ahennwa atim afebɔɔ.+ 13 Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba;+ merenyi me dɔ a ɛnni hwammɔ mfiri ne so+ sɛdeɛ meyi firii deɛ ɔdii wo kan no so no.+ 14 Mede no bɛsi me fie ne m’ahennie so afebɔɔ,+ na n’ahennwa nso bɛtim afebɔɔ.”’”+
15 Natan kaa nsɛm yi ne anisoadehunu no nyinaa kyerɛɛ Dawid.
16 Ɛnna Ɔhene Dawid bɛtenaa Yehowa anim, na ɔkaa sɛ: “O Yehowa Nyankopɔn, me ne hwan? Na me fie yɛ deɛn a wode me abɛduru ha yi?+ 17 O Onyankopɔn, wei nyinaa akyi, woasan aka deɛ daakye-daakye ɛbɛba w’akoa fie so,+ na woabu me sɛ onipa a ɔfata anidie pii,* O Yehowa Nyankopɔn. 18 Ɛdeɛn bio na w’akoa Dawid nka wɔ animuonyam a wode ahyɛ me yi ho? Wonim w’akoa yie.+ 19 O Yehowa, deɛ w’akoma pɛ* ne w’akoa nti na woayɛ nneɛma akɛseɛ yi nyinaa na woakyerɛ sɛ woyɛ ɔkɛseɛ.+ 20 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ deɛ yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa. 21 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ Nokorɛ Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man.+ Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu de gyee din;+ wopamoo amanaman firii wo man a wogyee wɔn firii Egypt no anim.+ 22 Wode wo nkurɔfoɔ Israel yɛɛ wo man afebɔɔ,+ na wo Yehowa, wobɛyɛɛ wɔn Nyankopɔn.+ 23 Afei Yehowa, ma ɛbɔ a woahyɛ w’akoa ne ne fie no ntim afebɔɔ, na yɛ sɛdeɛ woaka no.+ 24 Ma wo din nnyina* na ɛnyɛ kɛse+ daa, na nkurɔfoɔ nka sɛ, ‘Israel Nyankopɔn, asafo Yehowa, ɔno ne Onyankopɔn ma Israel,’ na ma w’akoa Dawid ase ntim wɔ w’anim.+ 25 Me Nyankopɔn, wo na woayi no adi akyerɛ w’akoa sɛ woabɔ wo tirim sɛ wobɛkyekyere fie* ama no. Ɛno nti na w’akoa atumi agyina w’anim rebɔ saa mpaeɛ yi. 26 Na afei Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, na nneɛma pa yi nyinaa, wo na wode ahyɛ w’akoa bɔ. 27 Enti ma no nyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fie na ɛntena w’anim daa; ɛfiri sɛ wo Yehowa, wo na woahyira so, na ɛbɛnya nhyira daa.”