Mmebusɛm 16:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Amumuyɔsɛm ne ahemfo akyiwadeɛ,+ na tenenee mu na ahennwa tim.+ Mmebusɛm 25:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ma wɔnyi nnebɔneyɛfoɔ mfiri ɔhene anim,+ na n’ahennwa bɛtim tenenee mu.+ Yesaia 9:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+ Hebrifoɔ 1:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso ɔka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa daa+ daa, na w’ahempoma+ yɛ teeyɛ poma.+
7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+