Yesaia
9 Nanso esum no renyɛ sɛ berɛ a na ahohia wɔ asase no soɔ no, te sɛ kane a wɔbuu Sebulon asase ne Naftali asase animtia no.+ Na akyire yi wɔbɛhyɛ po kwan a ɛda Yordan mpɔtamu, amanaman mufoɔ Galilea,+ no animuonyam.+ 2 Na nnipa a wɔnam sum mu no ahunu hann kɛseɛ bi,+ na wɔn a wɔte esum kabii bunu mu no,+ hann apue wɔn so.+ 3 Woama ɔman no adɔ ayɛ pii,+ na woama wɔn anigyeɛ ayɛ kɛse.+ Wɔn ani agye w’anim te sɛ twaberɛ mu anigyeɛ,+ te sɛ asadeɛ kyɛ mu ahurisie.+
4 Wɔn kɔndua+ ne wɔn akyi abaa, poma a wɔde ka wɔn kɔ adwuma+ no, woabubu mu te sɛ Midian da no.+ 5 Na wɔbɛhye mpaboa biara a wɔde tiatia fam+ kimkim ne atadeɛ a wɔde anu mogya mu no te sɛ nnyina a wɔde sɔ gya.+ 6 Wɔawo akɔkoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahennie bɛda ne mmatiri so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoeɛ Hene.+ 7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+
8 Yehowa asoma atemmusɛm kɔ Yakob nkyɛn, na akɔsi Israel so.+ 9 Na nnipa no nyinaa bɛhunu;+ Efraim ne Samariafoɔ+ nyinaa bɛhunu, ɛfiri sɛ wɔka no ahantan ne dwɛɛ so sɛ:+ 10 “Birikisi na adwiri aguo, nanso yɛde aboɔ a wɔasene bɛsi.+ Sikamɔɔ+ nnua na wɔatwitwa aguo, nanso yɛde ntweneduro bɛsi ananmu.” 11 Yehowa bɛma Resin atamfo so atia no na wahwanyan wɔn a wɔkyiri no.+ 12 Siria bɛfiri apueeɛ+ na Filistifoɔ afiri akyire,+ na wɔbɛbae wɔn anom amene Israel.+ Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+
13 Ɔman no nsan mmaa deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn,+ na wɔnhwehwɛɛ asafo Yehowa akyiri kwan.+ 14 Na Yehowa bɛtwa etire+ ne dua,+ duban ne sibire, afiri Israel da koro.+ 15 Mpanimfoɔ ne animuonyamfoɔ ne etire no,+ na adiyifoɔ a wɔkyerɛ atosɛm ne dua no.+ 16 Ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom,+ na wɔn a saafoɔ yi kyerɛ wɔn kwan no de wɔn ti pempem.+ 17 Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn mmeranteɛ mpo ho,+ na ɔrenhu wɔn nnyanka ne wɔn akunafoɔ mpo mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ, na obiara ano ka agyimisɛm. Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+
18 Atirimuɔdensɛm dɛre te sɛ gyaframa,+ na ɛhye nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ.+ Na ɛsɔ kwaeɛ mu adɔtɔ mu+ ma ɛfiri wisie kumɔnn kɔ soro.+ 19 Asafo Yehowa abufuo de egya ato ɔman no mu, na emu nnipa no ayɛ sɛ nnyina a wɔde sɔ gya.+ Obiara nni hɔ a ne yam bɛhyehye no ama ne nua mpo.+ 20 Wɔbɛtwa wɔ nifa, nanso ɛkɔm bɛde wɔn; wɔbɛdi wɔ benkum, nanso wɔremmee.+ Na obiara bɛwe ɔno ara ne nsa ho nam.+ 21 Manase we Efraim, na Efraim we Manase. Na wɔn nyinaa bɛsɔre atia Yuda.+ Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+