Yesaia
8 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwehwɛ twerɛpono+ kɛseɛ na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ, ‘Maha-salal-has-bas.’* 2 Na mɛma adansefoɔ anokwafoɔ+ adi ho adanseɛ.+ Yeinom ne ɔsɔfoɔ Uria+ ne Yeberekia ba Sakaria.”
3 Afei mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To ne din Maha-salal-has-bas, 4 na ansa na abɔfra no bɛtumi aka+ ‘Papa’ ne ‘Maame’ no, na wɔasoa Damasko ahodeɛ ne Samaria asadeɛ kɔ Asiria hene anim.”+
5 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 6 “Ɛsiane sɛ nkurɔfoɔ yi apo+ Siloa nsuo+ a ɛsene bɔkɔɔ, na wɔdi Resin ne Remalia+ ba ho ahurisie nti,+ 7 hwɛ, Yehowa bɛma asubɔnten kɛseɛ+ a emu nsuo dɔɔso—Asiria hene+ ne n’animuonyam nyinaa+—atue aba wɔn so.+ Na ɔbɛbu afa ne nsuka so na wayiri afa ne kɔn so nyinaa. 8 Ɔbɛsene akɔfa Yuda na wayiri+ akɔduru ne kɔn mu pɛɛ.+ O Imanuel,+ sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu a,+ ɛbɛduru w’asase ano nyinaa.”
9 Monni bɔne na wɔmmubu mo asinasini. Mo a mote asase so akyirikyiri,+ monyɛ aso ntie! Momma mo akodeɛ so+ na wɔmmubu mo asinasini!+ Momma mo akodeɛ so na wɔmmubu mo asinasini! 10 Ɛpɔ biara a mopɛ no, mommɔ, nanso ɛbɛsane!+ Asɛm biara a mopɛ no, monka, nanso ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho!+ 11 Yei ne asɛm a Yehowa nam nsa denden so aka akyerɛ me na mannante ɔman yi kwan so: 12 “Sɛ nkurɔfoɔ yi ka sɛ ‘Atirisopam!’ a, monnka sɛ, ‘Atirisopam!’+ Na deɛ wɔsuro no monnsuro, na mommma ɛmmmɔ mo hu.+ 13 Asafo Yehowa, ɔno na mommu no kronkron,+ ɔno na monsuro no,+ ɔno na mo ho mpopo wɔ n’anim.”+
14 Ɔbɛyɛ kronkronbea,+ nanso Israel afie mmienu no deɛ, ɔbɛyɛ suntiboɔ ne watire boɔ+ ama wɔn, na wayɛ fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa.+ 15 Na wɔn mu pii bɛwatiri ahwe ase na wɔabubu, na wɔatɔ fidie mu ama no ayi wɔn.+
16 Kyekyere adanseɛ no,+ sɔ mmara no ano wɔ m’asuafoɔ mu!+ 17 Mɛtwɛn Yehowa+ a ɔde n’anim ahunta Yakob fie no,+ na mede m’ani bɛto ne so.+
18 Hwɛ! Me ne mmɔfra a Yehowa de wɔn ama me+ no nie. Asafo Yehowa a ɔte Bepɔ Sion+ soɔ no de yɛn ayɛ nsɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ wɔ Israel.
19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: “Monkɔ akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ+ a wɔkasa wɔn menem te sɛ nnomaa+ na wɔbesebese wɔn ano no hɔ a,” ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn hɔ mmom na ɛsɛ sɛ mokorɔ?+ Awufoɔ nkyɛn na mokɔ abisa ma ateasefoɔ?+ 20 Monni mmara ne adanseɛ no akyi!+
Wɔbɛka no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ+ nanso hann biara nnim.+ 21 Ahoyera ne kɔm na wɔde bɛnante asase no soɔ.+ Na ɛkɔm ne abufuo nti, wɔbɛdome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn mpo,+ na wɔbɛma wɔn ani so ahwɛ soro. 22 Na wɔdane wɔn ani hwɛ asase so a, hwɛ, ɔhaw ne esum kabii+ ne abɛbrɛsɛ ne kusuuyɛ nko, na hann nni baabiara.+