3 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ma wɔnte me din ho+ wɔ wɔn a wɔbɛn me+ no anim, na wɔnhyɛ me animuonyam+ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm.
23 na sɛ ɔhunu sɛ ne mma, kyerɛ sɛ me nsa ano adwuma, atwa ne ho ahyia+ a, wɔbɛte me din ho,+ wɔbɛte Yakob Kronkronni no din ho,+ na wɔbɛsuro Israel Nyankopɔn.+