Leviticus 10:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ma wɔnte me din ho+ wɔ wɔn a wɔbɛn me+ no anim, na wɔnhyɛ me animuonyam+ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm. Leviticus 22:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Monngu me din kronkron no ho fĩ,+ na mmom wɔnte me din ho wɔ Israelfoɔ mu.+ Me Yehowa na merete mo ho.+ Mateo 6:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Enti mommɔ mpaeɛ sɛ:+ “‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din+ ho nte.+
3 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ma wɔnte me din ho+ wɔ wɔn a wɔbɛn me+ no anim, na wɔnhyɛ me animuonyam+ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm.
32 Monngu me din kronkron no ho fĩ,+ na mmom wɔnte me din ho wɔ Israelfoɔ mu.+ Me Yehowa na merete mo ho.+