2 Yehowa asɛm nie: “Nneɛma yi nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, na saa na ɛyɛeɛ a ne nyinaa baeɛ.+ Na deɛ mɛhwɛ no ne obi a ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotoɔ,+ na ne ho popo wɔ m’asɛm ho.+
12 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ motie berɛ nyinaa,+ na ɛnyɛ berɛ a mewɔ hɔ nko, na mmom seesei a menni hɔ mpo moyɛ ma ɛsene saa no, monkɔ so mfa osuro+ ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma;