Esra 9:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Israel Nyankopɔn asɛm a waka atia atukɔfoɔ a wɔfiri nkoasom mu aba no mmarato nti, wɔn nyinaa de ahopopoɔ+ boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me deɛ, mede ahodwirie tenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔdeɛ+ no. Dwom 119:161 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 161 Adehyeɛ mma ataa me kwa,+Nanso w’asɛm nko na m’akoma suro.+ Asomafoɔ Nnwuma 16:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Ɛnna ɔkɔgyee kanea de mmirika bɔ wuraa hɔ, na ɔde ahopopoɔ hwee+ Paulo ne Silas anim.
4 Israel Nyankopɔn asɛm a waka atia atukɔfoɔ a wɔfiri nkoasom mu aba no mmarato nti, wɔn nyinaa de ahopopoɔ+ boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me deɛ, mede ahodwirie tenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔdeɛ+ no.