Yesaia
10 Wɔn a wɔhyehyɛ mmara bɔne+ ne wɔn a daa wɔtwerɛ mmusuo no nnue. 2 Wɔyɛ saa de pia ahiafoɔ firi atemmuo ho, na wɔhwim atɛntenenee firi me man mu abrɛfoɔ nsam;+ akunafoɔ adane wɔn asadeɛ na wɔfom nnyanka!+ 3 Na akontabuo da+ no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba mu no, mobɛyɛ dɛn?+ Hwan nkyɛn na mobɛkɔ akɔhwehwɛ mmoa,+ na ɛhe na mobɛgya mo animuonyam?+ 4 Deɛ ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛhwe fam ahyɛ nneduafoɔ ase, na nnipa bɛtete ahwe ama awufoɔ abɛsum wɔn so.+ Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.+
5 “Hwɛ, Asiria+ yɛ m’abufuo abaa,+ na m’atemmuo poma hyɛ wɔn nsam! 6 Mɛsoma no akɔ awaefoɔ+ man so, na mɛhyɛ no akɔ nnipa a me bo afu wɔn+ hɔ akɔfa asadeɛ ne afomdeɛ pii, na ɔbɛtiatia ɔman no so sɛ abɔntenkwan so dɔteɛ.+ 7 Ɔnte saa, nanso ɛbɛba n’adwenem; ɛnni n’akomam, nanso ɔbɛfa ho adwene, ɛfiri sɛ ɛwɔ n’akomam sɛ ɔbɛtɔre aman pii ase+ na watwitwa wɔn agu.+ 8 Na ɔbɛka sɛ, ‘M’aberempɔn nyɛ ahemfo nso anaa?+ 9 Kalno+ nte sɛ Karkemis+ anaa? Hamat+ nte sɛ Arpad?+ Na Samaria+ nte sɛ Damasko?+ 10 Sɛdeɛ me nsa duruu ahemman a wɔn anyamehunu ahoni dɔɔso sene wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Samaria soɔ no,+ 11 ɛnyɛ saa ara na mɛyɛ Samaria ne n’anyamehunu,+ na ɛnyɛ saa ara nso na mɛyɛ Yerusalem ne n’ahoni?’+
12 “Na sɛ Yehowa wie dwuma a ɔbɛdi no Bepɔ Sion so ne Yerusalem nyinaa a, mɛma Asiria hene abɛbu n’akomapirim ne n’ani a ɛtra ne ntɔn no ho akonta.+ 13 Ɔhoahoaa ne ho sɛ, ‘Mede me nsam tumi+ ne me nyansa bɛyɛ adeɛ, ɛfiri sɛ mewɔ nhunumu. Mɛyi aman no ahyeɛ+ afiri hɔ na mafa wɔn akoradeɛ;+ mɛka emufoɔ agu sɛ ɔhoɔdenfoɔ.+ 14 Mɛtene me nsa+ aka aman no agyapadeɛ+ sɛdeɛ mereyi pirebuo, na sɛdeɛ obi tase nkosua a wɔagya no, saa ara na mɛboaboa asase nyinaa ano, na obiara remmɔ ne ntaban mu, na ɔremmue n’ano na ɔrensu.’”
15 Akuma bɛma ne ho so wɔ deɛ ɔde rebu nnua so, anaa sradaa bɛma ne ho so asene deɛ ɔde twa adeɛ no? Enti poma bɛtumi ahim deɛ ɔma soɔ no, na abaa bɛtumi ama deɛ ɔnyɛ dua so?+ 16 Enti asafo Yehowa, Awurade nokwafoɔ no, bɛma n’akɛsefoɔ ayare afomfɔn,+ na ɔbɛsɔ n’animuonyam ase gya ama no ahye dwerɛbee sɛdeɛ egya hye adeɛ.+ 17 Na Israel Hann+ bɛyɛ egya,+ na ne Kronkronni ayɛ gyaframa.+ Ɛbɛhye ne nkyɛkyerɛ ne ne nkasɛɛ+ nyinaa da koro. 18 Ɔbɛsɛe ne kwaeɛ ne ne turom animuonyam koraa,+ ɛfiri ɔkra so kɔsi honam so, na ɛbɛyɛ sɛ obi a yareɛ adidi ne mu na aka no ato owupa soɔ.+ 19 Ne kwaeɛ mu nnua kakraa bi na ɛbɛka, na abɔfra mpo bɛtumi akan atwerɛ ne dodoɔ.+
20 Saa da no, Israel nkaefoɔ+ ne Yakob fie adwanefoɔ remfa wɔn ho ntwere deɛ ɔhwee wɔn no bio.+ Mmom wɔde wɔn ho bɛtwere Yehowa, Israel Kronkronni no,+ wɔ nokorɛdie mu.+ 21 Nkaefoɔ kakraa bi na wɔbɛsan aba, Yakob nkaefoɔ bi bɛsan aba Onyankopɔn Tumfoɔ no nkyɛn.+ 22 O Israel, wo nkurɔfoɔ te sɛ mpoano anwea+ deɛ, nanso wɔn mu nkaefoɔ kakraa bi pɛ na wɔbɛsan aba.+ Ɔsɛeɛ+ a wɔahyɛ ato hɔ bɛyiri asram so wɔ tenenee mu,+ 23 ɛfiri sɛ asafo Yehowa, Awurade Tumfoɔ no, de ɔsɛeɛ pasaa+ a wɔahyɛ ato hɔ pintinn bɛba asase no nyinaa so.+
24 Enti deɛ asafo Yehowa, Awurade Tumfoɔ no,+ aka nie: “Me man a mote Sion,+ monnsuro Asiria a ɔde abaa hwee mo+ na ɔde ne poma baa mo so sɛdeɛ Egypt yɛeɛ no!+ 25 Ɛrenkyɛ koraa, abufuhyeɛ+ no to bɛtwa, na m’abufuo bɛsɛe wɔn.+ 26 Na Asafo Yehowa bɛhim mpire+ wɔ ne so sɛdeɛ ɔtwi faa Midian so wɔ Oreb botan+ ho no, na ɔde ne poma bɛkyerɛ po+ so na wama so sɛdeɛ ɔyɛɛ Egypt no.+
27 “Saa da no Asiria adesoa bɛfiri wo mmatiri so,+ na ne kɔndua bɛfiri wo kɔn ho,+ na ngo nti, kɔndua no asɛe.”+
28 Waba Aiyat+ so, na watwam afa Migron de ne nneɛma abɛgu Mikmas.+ 29 Wafa asutwareeɛ hɔ abɛda Geba.+ Rama+ abɔ hu, na Saul kuro Gibea+ nso adwane. 30 Galim+ babaa, ma wo nne so su. Laisa, yɛ aso tie. O Anatot,+ w’asɛm yɛ mmɔbɔ! 31 Madmena adwane, na Gebimfoɔ akɔpɛ baabi atɛ. 32 Adeɛ nnya nsaeɛ, enti ɔbɛgyina Nob.+ Ɔhim ne nsa anibereɛ so kyerɛ Sion babaa bepɔ, Yerusalem+ kokoɔ no.
33 Hwɛ, asafo Yehowa, Awurade nokwafoɔ no, twitwa nnua mman ma no hwehwe fam birimbirim;+ ɔtwitwa atenten no gu, na deɛ ɛkorɔn no ba fam.+ 34 Ɔde dadeɛ atwitwa kwaeɛ mu adɔtɔ, na ɔhoɔdenfoɔ bi nsa ano na Lebanon nnua bɛhwe aseɛ.+