Yesaia
10 Wɔnnue! wɔn a wɔhyehyɛ mmara bɔne,+
Wɔn a daa wɔtwerɛ ahyɛdeɛ a emu yɛ den,
2 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohiani rennya obiara nni n’asɛm mma no,
Na me man mu abrɛfoɔ nnya atɛntenenee.+
Wɔde akunafoɔ ayɛ sɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɛko mu,
Na wɔde nnyanka ayɛ sɛ nneɛma a wɔafom afa!+
4 Deɛ ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛkotokoto nneduafoɔ mu,
Anaa wɔbɛhwehwe awufoɔ mu.
Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,
Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+
6 Mɛsoma no akɔ ɔman a wate atua atia Onyankopɔn so,+
Na masoma no akɔ nnipa a wɔahyɛ me abufuo no so;
Mɛhyɛ no sɛ ɔnsesa wɔn nneɛma pii na ɔmfom wɔn nneɛma bebree,
Na ɔntiatia wɔn so sɛ abɔntenkwan so atɛkyɛ.+
7 Nanso ɔrente nka saa,
Na ɛremma n’akomam saa;
Ɛfiri sɛ ɛwɔ n’akomam sɛ ɔbɛtɔre aman pii ase,
Na watwitwa wɔn agu; ɛrenyɛ kakraa bi.
9 Kalno+ nte sɛ Karkemis+ anaa?
12 “Na sɛ Yehowa wie dwuma a ɔbɛdi wɔ Sion Bepɔ so ne Yerusalem nyinaa a, Ɔbɛtwe* Asiria hene aso ɛsiane n’akoma a apirim ne n’ani a atra n’ani ntɔn no nti.+ 13 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,
‘Mede me nsam tumi
Ne me nyansa bɛyɛ adeɛ, ɛfiri sɛ mewɔ nyansa.
14 Sɛdeɛ obi de ne nsa wura pirebuo mu no,
Mɛtene me nsa agye aman no agyapadeɛ;
Na sɛdeɛ obi tase nkosua a wɔagya no,
Saa ara na mɛboaboa asaase nyinaa ano!
Obiara remmɔ ne ntaban mu, ɔremmue n’ano, na ɔrensu.’”*
15 Akuma bɛma ne ho so wɔ deɛ ɔde no rebu nnua no so?
Sradaa bɛma ne ho so asene deɛ ɔde no retwa adeɛ no?
Poma+ bɛtumi ahim deɛ ɔma ne so no?
Anaa abaa bɛtumi ama deɛ wɔamfa dua anyɛ no no so?
16 Enti asafo Yehowa, nokorɛ Awurade no
Bɛma n’akɛsefoɔ afonfɔn,+
Na wasɔ gya ama adɛre wɔ n’animuonyam ase.+
Na ne Kronkronni ayɛ gyaframa;
Ɛbɛdɛre na ahye ne nwura ne ne nkasɛɛ nyinaa da koro.
19 Ne kwaeɛ mu nnua a aka no,
Ɛbɛyɛ kakraa bi, na abɔfra mpo bɛtumi akan atwerɛ ne dodoɔ.
20 Saa da no, Israel nkaefoɔ
Ne Yakob fiefoɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu
Remfa wɔn ho ntwere deɛ ɔhwee wɔn no bio;+
Mmom wɔde wɔn ho bɛtwere Yehowa,
Israel Kronkronni no, wɔ nokorɛdie mu.
24 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie: “Me man a mote Sion, monnsuro, Asiriani a ɔde abaa hwee mo+ na ɔde ne poma baa mo so sɛdeɛ Egypt yɛeɛ no+ nti. 25 Ɛrenkyɛ koraa, abufuhyeɛ no to bɛtwa; m’abufuo bɛsɛe wɔn.+ 26 Asafo Yehowa bɛhim abaa* wɔ ne so+ sɛdeɛ ɔtwi faa Midian so wɔ Oreb botan ho no.+ Na ɔde ne poma bɛkyerɛ po so, na wama so sɛdeɛ ɔyɛɛ Egypt no.+
27 Saa da no, Asiriani no adesoa bɛfiri w’abati so,+
Na ne kɔndua afiri wo kɔn ho,+
Na ngo no nti, kɔndua no bɛsɛe.”+
30 O Galim babaa, su na teateam!
Laisa, yɛ aso tie!
O Anatot,+ w’asɛm yɛ mmɔbɔ!
31 Madmena adwane.
Gebimfoɔ akɔpɛ baabi atɛ.
32 Ɛnnɛ da yi ara, ɔbɛgyina Nob.+
Ɔwoso ne nsa kyerɛ Sion babaa bepɔ,
Yerusalem kokoɔ no.