Yesaia
2 Na Yehowa honhom bɛtena ne so,+
Nyansa+ ne nteaseɛ honhom,
Afotuo ne tumi honhom,+
Nimdeɛ ne Yehowa suro honhom.
3 Na Yehowa suro bɛyɛ no anigye.+
Ɛnyɛ deɛ n’ani hunu na ɔbɛgyina so abu atɛn,
Na ɛnyɛ deɛ n’aso te kɛkɛ na ɔbɛgyina so anya obi kasakyerɛ.+
6 Pataku ne odwan ba bɛtena,*+
Na ɔsebɔ ne apɔnkye ba ada faako,
Na nantwie ba ne gyata* ne aboa a wadɔre sradeɛ bɛbom atena faako;*+
Na abarimaa ketewa aka wɔn.
7 Nantwibedeɛ ne sisire bɛbom adidi,
Na wɔn mma ada faako.
Gyata bɛwe wura sɛ nantwinini.+
8 Abɔfra a ɔtua nufoɔ ano bɛgoro prammire amena ano,
Na abɔfra a watwa nufoɔ de ne nsa aka ahuritia* bɔn.
Na wɔrensɛe adeɛ bio wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so,+
Ɛfiri sɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma
Sɛdeɛ nsuo kata po so no.+
10 Saa da no, Yese nhini+ bɛsɔre agyina sɛ ahyɛnsodeɛ* ama aman no.+
11 Saa da no, Yehowa bɛsan atene ne nsa, ne mprenu so, de agye ne man nkaefoɔ afiri Asiria,+ Egypt,+ Patros,+ Kus,+ Elam,+ Sinar,* Hamat, ne po so nsupɔ+ so. 12 Ɔbɛma ahyɛnsodeɛ* bi so ama aman no na waboaboa Israelfoɔ a wɔahwete no ano,+ na ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano afiri asaase afanan nyinaa.+
Efraim ani remmere Yuda,
Na Yuda nso rentan Efraim.+