11 ‘Saa da no, mɛma Dawid apata+ a ahwe ase no so asi hɔ,
Mɛtuatua emu ntokuro.
Na mɛma deɛ adwiri agu no asi ne dada mu bio;
Mɛkyekyere ama ayɛ sɛ tete mmerɛ no,+
12 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa deɛ ɛbɛka ama Edom,+
Na wɔafa aman a me din da wɔn so no nyinaa,’ Yehowa a ɔreyɛ wei no asɛm nie.