Obadiah
Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Edom ho nie:+
“Yɛate amanneɛbɔ bi afiri Yehowa hɔ;
Wasoma obi kɔ amanaman no mu sɛ:
‘Monsɔre, momma yɛnsiesie yɛn ho ne no nkɔko.’”+
3 W’akomam ahantan adaadaa wo,+
Wo a wote abotan so;
Wode mmepɔ atenten ayɛ wo fie, na woka no w’akomam sɛ,
‘Hwan na ɔbɛtwe me aba asaase so’?
4 Sɛ wokɔtena ɔsorosoro* te sɛ ɔkɔdeɛ,
Anaa woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a,
Mɛtwe wo afiri hɔ aba fam,” Yehowa asɛm nie.
5 “Sɛ awifoɔ ba wo so, anaa akorɔmfo-werɛmfoɔ ba wo so anadwo a,
Ɛnyɛ deɛ wɔpɛ nko ara na wɔbɛfa?
Na sɛ wɔn a wɔtete bobe ba wo so a,
6 O, hwɛ sɛdeɛ wɔatu wɔn ani asi Esau so!
Wɔatweetwee mu akɔhu n’akoradeɛ a ahinta!
7 Wɔakɔgya wo asi ɛhyeɛ so nohoa.
Wɔn a wɔne wo ayɛ apam nyinaa adaadaa wo.
Wɔn a wɔne wo te asomdwoeɛ mu no adi wo so.
Wɔn a wɔne wo to nsa didi* no bɛsum wo fidie,
Nanso worenhunu.
8 Saa da no,” Yehowa asɛm nie,
“Edom anyansafoɔ no, merensɛe wɔn anaa,+
Na merenyi nhunumu mfiri Esau mmepɔ so anaa?
11 Da a wotwee wo ho gyinaa nkyɛn,
Na ahɔhoɔ kyee n’asraafoɔ kɔeɛ,+
Na ananafoɔ wuraa ne kuro pono mu bɔɔ Yerusalem so ntonto no,+
Wokɔgyinaa wɔn afã.*
12 Wo nua amanehunu da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ w’ani gye;+
Yudafoɔ sɛe da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ wodi ahurisie;+
Na wɔn ahohia da nso, ɛnsɛ sɛ anka wohoahoa wo ho.
13 Me man amanehunu da no, ɛnsɛ sɛ anka wowura wɔn kurom.*+
N’ahohia da no, anka ɛnsɛ sɛ w’ani gye;
Na ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa ka n’agyapadeɛ n’amanehunu da.+
14 Ɛnsɛ sɛ anka wogyina nkwanta so kunkum wɔn a wɔredwane no;+
Ahohia da nso, ɛnsɛ sɛ anka woyi wɔn a wɔafiri mu afiri no ma.+
15 Yehowa da a ɔbɛba amanaman no so no abɛn.+
Deɛ woayɛ no, wɔde bi bɛyɛ wo.+
Deɛ wode ayɛ nkurɔfoɔ no, ɛno ara na ɛbɛba
wo so.
16 Na sɛdeɛ moanom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no,
Saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom m’abufuo.+
Wɔbɛnom atwe no mii,
Na wɔbɛyera te sɛ deɛ wɔmmaa wiase da.
17 Nanso wɔn a wɔbɛfiri mu afiri no, Sion Bepɔ so na wɔbɛkɔ,+
Na ɛhɔ bɛyɛ kronkron;+
Na Yakob fie bɛfa n’agyapadeɛ.+
18 Yakob fie bɛyɛ egya,
Na Yosef fie ayɛ gyaframa.
Esau fie bɛyɛ sɛ serɛ;
Na wɔbɛhye wɔn dwerɛbee.
Obiara renka wɔ Esau fie,+
Ɛfiri sɛ Yehowa na aka.
Wɔbɛfa Efraim nsaase ne Samaria nsaase adi so,+
Na Benyamin bɛfa Gilead adi so.
Yerusalemfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ a na wɔwɔ Sefarad nso, wɔbɛfa Negeb nkuro no adi so.+