Obadia
1 Obadia anisoadehunu:
Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Edom ho nie:+ “Yɛate amanneɛbɔ bi afiri Yehowa hɔ, na watu abɔfoɔ kɔ amanaman no mu sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnsɔre ne no nkɔko.’”+
2 “Hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu.+ Na wɔmfa wo nyɛ hwee koraa.+ 3 W’akomam ahantan na adaadaa woɔ,+ wo a wode abotan+ ayɛ wo fie, baabi a ɛhɔ korɔn, na woka no w’akomam sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtwe me aba asase soɔ’? 4 Sɛ woma wo ho so kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ, anaa woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma mfimfini mpo a, mɛtwe wo afiri hɔ aba fam,”+ Yehowa asɛm nie.
5 “Sɛ akorɔmfoɔ na ɛbaa wo soɔ, anaa adwotwafoɔ na ɛbaa wo so anadwo a, anka wɔbɛsɛe wo akɔsi he?+ Anka wɔremfa deɛ wɔpɛ nko ara? Anaa wɔn a wɔte bobe na wɔbaeɛ a, anka wɔrennya bi wɔ so?+ 6 O, hwɛ sɛdeɛ wɔatwee Esau mu!+ Wɔanunu n’akoradeɛ mu! 7 Wɔakɔgya wo ɛhyeɛ so tɔnn. Wɔn a wɔne wo ayɛ apam no adaadaa+ wo. Wɔn a wɔne wo te asomdwoeɛ mu no adi wo so.+ Wɔn a wɔne wo to nsa didie no asum wo fidie sɛ obi a ɔnni nhunumu.+ 8 Ɛnyɛ saa da no anaa?” Yehowa asɛm nie.
“Mɛsɛe Edom anyansafoɔ+ na mayi nhunumu afiri Esau bepɔ so. 9 Ehu bɛka wo nnɔmmarima,+ O Teman,+ na wɔbɛkunkum wɔn+ na wɔatɔre wɔn nyinaa ase+ afiri Esau bepɔ so. 10 Atirimuɔdensɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+ w’anim bɛgu ase,+ na wɔbɛtwa wo afiri hɔ koraa.+ 11 Da a wogyinaa nkyɛn na ahɔhoɔ faa n’asraafoɔ nnommum+ na ananafoɔ hyɛnee ne kuro pono+ mu na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto+ no, woyɛɛ sɛ wɔn mu baako ara.
12 “Ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua,+ n’amanehunu da; ɛnsɛ sɛ anka wodi ahurisie Yuda mma no sɛeɛ da no;+ na ɛnsɛ sɛ anka wobae w’anom di wɔn ho fɛ, wɔn ahohia da. 13 Ɛnsɛ sɛ anka wohyɛn me manfoɔ kuro pono mu, wɔn amanehunu da.+ Ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ ne brɛ, n’ahohia da; na ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa ka n’agyapadeɛ, n’amanehunu da.+ 14 Ɛnsɛ sɛ anka wogyina nkwanta so twitwa wɔn a wɔredwane no guo,+ na ɛnsɛ sɛ anka woyi wɔn a aka no ma, ahohia da no.+ 15 Da a Yehowa bɛsɔre atia amanaman no abɛn.+ Deɛ woayɛ no, wɔde bi bɛyɛ wo.+ Wo nneyɛɛ bɛdane aba wo so.+ 16 Na sɛdeɛ monom nsa me bepɔ kronkron soɔ no, saa ara na amanaman no bɛkɔ so anom.+ Wɔbɛnom na wɔamene, na wɔayɛ sɛ deɛ wɔntenaa ase da.
17 “Na Bepɔ Sion so na wɔn a wɔredwane no bɛkorɔ,+ na ɛbɛyɛ ade kronkron,+ na Yakob fie bɛfa deɛ ɛyɛ wɔn dea.+ 18 Yakob fie bɛyɛ gya,+ na Yosef fie ayɛ gyaframa, na Esau fie ayɛ sɛ serɛ;+ na wɔbɛhye wɔn dwerɛbee. Na obiara remfiri Esau fie nka,+ ɛfiri sɛ Yehowa na aka. 19 Wɔbɛfa Negeb ne Esau bepɔ+ ne Sefela ne Filistifoɔ nsase+ ne Efraim nsase+ ne Samaria nsase+ adi so. Na Benyamin bɛfa Gilead+ adi so. 20 Israel nnommum a wɔwɔ ban+ yi akyi no bɛfa Kanaan+ nsase akɔsi Sarefat.+ Na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.+
21 “Na agyefoɔ+ bɛba Bepɔ Sion+ so abɛbu Esau bepɔ no atɛn,+ na ahennie no ayɛ Yehowa dea.”+