Yeremia 25:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Enti megyee Yehowa nsam kuruwa no na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomeeɛ;+ Yeremia 49:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! Wɔn a wɔntaa nnom kuruwa no ano mpo bɛnom ara.+ Na wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, nom ara na wobɛnom.”+
12 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! Wɔn a wɔntaa nnom kuruwa no ano mpo bɛnom ara.+ Na wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, nom ara na wobɛnom.”+