Mmebusɛm 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,+ na ahomasoɔ honhom di asehweɛ anim.+ Yeremia 49:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ahopopoɔ a wode aba nkurɔfoɔ so ne w’akomam ahantan na adaadaa woɔ,+ wo a wode abotan ayɛ wo fie, baabi a ɛhɔ korɔn no. Woyɛ wo pirebuo ɔsorosoro sɛ ɔkɔdeɛ,+ nanso ɛhɔ na mɛyi wo afiri asi fam,”+ Yehowa asɛm nie. Malaki 1:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “Deɛ Edom reka ne sɛ, ‘Wɔabubu yɛn, nanso yɛbɛsan akɔkyekyere baabi a asɛe no.’ Yei nti, deɛ asafo Yehowa nso aka nie: ‘Wɔbɛkyekyere, nanso mɛdwiri agu.+ Na nkurɔfoɔ bɛfrɛ wɔn “abɔnefosɛm asase” ne “ɔman a Yehowa abu wɔn fɔ+ daa.”
16 Ahopopoɔ a wode aba nkurɔfoɔ so ne w’akomam ahantan na adaadaa woɔ,+ wo a wode abotan ayɛ wo fie, baabi a ɛhɔ korɔn no. Woyɛ wo pirebuo ɔsorosoro sɛ ɔkɔdeɛ,+ nanso ɛhɔ na mɛyi wo afiri asi fam,”+ Yehowa asɛm nie.
4 “Deɛ Edom reka ne sɛ, ‘Wɔabubu yɛn, nanso yɛbɛsan akɔkyekyere baabi a asɛe no.’ Yei nti, deɛ asafo Yehowa nso aka nie: ‘Wɔbɛkyekyere, nanso mɛdwiri agu.+ Na nkurɔfoɔ bɛfrɛ wɔn “abɔnefosɛm asase” ne “ɔman a Yehowa abu wɔn fɔ+ daa.”