Yesaia
12 Ɛda no, wobɛka sɛ:
“O Yehowa, meda wo ase,
Ɛfiri sɛ wo bo fuu me deɛ,
Nanso nkakrankakra w’abufuo ano dwoe, na wokyekyee me werɛ.+
2 Hwɛ! Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+
4 Na saa da no, mobɛka sɛ:
“Monna Yehowa ase, mommɔ ne din,
Monka ne nnwuma nkyerɛ amanaman!+
Mompae mu nka sɛ ne din korɔn.+
5 Monto dwom* nyi Yehowa ayɛ,+ ɛfiri sɛ wayɛ nneɛma akɛseɛ.+
Momma wɔnka wei ho asɛm asaase nyinaa so.