-
Yesaia 66:20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa mu abrɛ Yehowa+ sɛ akyɛdeɛ. Wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, ɛko nteaseɛnam mu, nteaseɛnam a wɔakuru so mu, ne mfunumupɔnkɔ ne yoma a wɔn ho yɛ hare so, na wɔaba Yerusalem, me bepɔ kronkron no so sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn akyɛdeɛ gu adeɛ* a emu teɛ mu ba Yehowa fie no,” Yehowa na aka.
-