-
Deuteronomium 30:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+
-
-
Yesaia 43:6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Gyaa wɔn!’+
Na maka akyerɛ anaafoɔ fam sɛ, ‘Nnye wɔn nka hɔ.
Fa me mma mmarima firi akyirikyiri bra, na fa me mma mmaa firi asaase ano bra,+
-
Yesaia 60:4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Ma w’ani so, na hwɛ wo ho nyinaa hyia!
Wɔaboaboa wɔn nyinaa ano; wɔreba wo nkyɛn.
-
-
-