Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 30
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn (1-10)

      • Yehowa mmara nyɛ den dodo (11-14)

      • Ɔde nkwa ne owuo sii wɔn anim (15-20)

Deuteronomium 30:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “na wosan de ba w’akomam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 11:26-28; 28:2, 15
  • +1Ah 8:47; Ne 1:9; Hes 18:28; Yoe 2:13
  • +2Ah 17:6; 2Be 36:20

Deuteronomium 30:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 55:7; 1Yo 1:9
  • +De 4:29

Deuteronomium 30:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 29:14
  • +Kwa 3:22
  • +Esr 1:2, 3; Dw 147:2; Yer 32:37; Hes 34:13

Deuteronomium 30:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:64; Sef 3:20

Deuteronomium 30:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 1:9

Deuteronomium 30:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “bɛtwa mo akoma twetia.”

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 32:37, 39
  • +De 6:5

Deuteronomium 30:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 12:2, 3; Yer 25:12; Kwa 3:64; Ro 12:19

Deuteronomium 30:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 65:21, 22; Mal 3:10
  • +Yer 32:37, 41

Deuteronomium 30:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 1:9; Aso 3:19

Deuteronomium 30:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 45:19

Deuteronomium 30:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 10:6

Deuteronomium 30:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 10:8
  • +Mt 7:21; Yak 1:25

Deuteronomium 30:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 11:26

Deuteronomium 30:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:5
  • +Le 18:5
  • +Le 25:18; De 30:5

Deuteronomium 30:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 29:18; Heb 3:12
  • +De 4:19

Deuteronomium 30:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 8:19; Yos 23:15; 1Sa 12:25

Deuteronomium 30:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 11:26; 27:26; 28:2, 15
  • +Yos 24:15
  • +De 32:47

Deuteronomium 30:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:12
  • +De 4:4
  • +Ge 12:7; 15:18

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 30:1De 11:26-28; 28:2, 15
Deut. 30:11Ah 8:47; Ne 1:9; Hes 18:28; Yoe 2:13
Deut. 30:12Ah 17:6; 2Be 36:20
Deut. 30:2Yes 55:7; 1Yo 1:9
Deut. 30:2De 4:29
Deut. 30:3Yer 29:14
Deut. 30:3Kwa 3:22
Deut. 30:3Esr 1:2, 3; Dw 147:2; Yer 32:37; Hes 34:13
Deut. 30:4De 28:64; Sef 3:20
Deut. 30:5Ne 1:9
Deut. 30:6Yer 32:37, 39
Deut. 30:6De 6:5
Deut. 30:7Ge 12:2, 3; Yer 25:12; Kwa 3:64; Ro 12:19
Deut. 30:9Yer 32:37, 41
Deut. 30:9Yes 65:21, 22; Mal 3:10
Deut. 30:10Ne 1:9; Aso 3:19
Deut. 30:11Yes 45:19
Deut. 30:12Ro 10:6
Deut. 30:14Ro 10:8
Deut. 30:14Mt 7:21; Yak 1:25
Deut. 30:15De 11:26
Deut. 30:16De 6:5
Deut. 30:16Le 18:5
Deut. 30:16Le 25:18; De 30:5
Deut. 30:17De 29:18; Heb 3:12
Deut. 30:17De 4:19
Deut. 30:18De 8:19; Yos 23:15; 1Sa 12:25
Deut. 30:19De 11:26; 27:26; 28:2, 15
Deut. 30:19Yos 24:15
Deut. 30:19De 32:47
Deut. 30:20De 10:12
Deut. 30:20De 4:4
Deut. 30:20Ge 12:7; 15:18
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 30:1-20

Deuteronomium

30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+ 4 Sɛ wo nkurɔfoɔ no ahwete akɔduru ɔsoro akyirikyiri tɔnn mpo a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛboaboa mo ano afiri hɔ aba.+ 5 Yehowa wo Nyankopɔn de wo bɛba asaase a w’agyanom faeɛ no so, na ɛbɛyɛ wo dea; ɔbɛma no asi wo yie na woadɔɔso asene w’agyanom.+ 6 Wo ne w’asefoɔ nyinaa, Yehowa wo Nyankopɔn bɛte mo akoma mu,*+ na mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa adɔ Yehowa mo Nyankopɔn na moanya nkwa.+ 7 Ɛba saa a, Yehowa wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛba w’atamfo a wɔtan mo ani na wɔteetee mo no so.+

8 “Afei wobɛsan atie Yehowa asɛm na woadi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so. 9 Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwie nhyira pii agu wo nsa ano adwuma so,+ na wo mma bɛdɔɔso, na wo nyɛmmoa ase bɛtrɛ na w’afuo mu nnɔbaeɛ abu so, na Yehowa bɛpɛ w’asɛm bio na wama no asi wo yie sɛdeɛ na ɔpɛ w’agyanom asɛm no.+ 10 Saa berɛ no, wobɛtie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+

11 “Mmara a mede rema wo nnɛ yi nyɛ den dodo mma wo, na ɛnni akyiri dodo mma wo.+ 12 Ɛnni soro na woaka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛforo akɔ soro akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’+ 13 Ɛnni po agya nso na woaka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtwa akɔ po agya akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate na yɛadi so?’ 14 Mmom asɛm no bɛn wo pɛɛ; ɛwɔ wo ara w’anom ne wo ara w’akomam,+ enti ɛno ara ne sɛ wobɛdi so.+

15 “Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa, owuo ne bɔne asi w’anim.+ 16 Sɛ wotie Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn,+ na wonante n’akwan so di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm nyinaa so a, ɛnneɛ wobɛnya nkwa+ na w’ase atrɛ, na Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo wɔ asaase a worekɔfa no so.+

17 “Nanso sɛ wo akoma dane+ na woantie, na sɛ w’ani kɔgye anyame foforɔ ho na wokoto wɔn som wɔn a,+ 18 ɛnneɛ ɛnnɛ mereka akyerɛ mo sɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛsɛe mo,+ na morenkyɛ wɔ asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. 19 Ɛnnɛ mede nkwa ne owuo, ne nhyira ne nnome asi w’anim,+ na ɔsoro ne asaase ne m’adansefoɔ; fa nkwa na wo ne w’asefoɔ+ anya nkwa.+ 20 Enti dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na bata ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔma wo nkwa. Na asaase a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob+ no nso, ɔno na ɔbɛma woatena so akyɛ.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane