Deuteronomium 11:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 “Monhwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim:+ Deuteronomium 27:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 “‘Nnome nka deɛ ɔremfa Mmara yi mu nsɛm nyɛ adwuma.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) Deuteronomium 28:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wokɔ so yɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+ Deuteronomium 28:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+