Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 11
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Moahunu Yehowa kɛseyɛ (1-7)

      • Bɔhyɛ Asaase no (8-12)

      • Ɔsetie ho akatua (13-17)

      • Momfa Onyankopɔn nsɛm nsie mo akomam (18-25)

      • “Nhyira ne nnome” (26-32)

Deuteronomium 11:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:5; 10:12; Mr 12:30

Deuteronomium 11:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 8:5; Heb 12:6
  • +De 5:24; 9:26
  • +Ex 13:3

Deuteronomium 11:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:34

Deuteronomium 11:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:23, 28; Heb 11:29

Deuteronomium 11:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 16:1, 32

Deuteronomium 11:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔn aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:40; Mme 3:1, 2
  • +Ge 13:14, 15; 26:3; 28:13
  • +Ex 3:8; Hes 20:6

Deuteronomium 11:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, ntwahonan a wɔde wɔn nan tia so ma ɛtwa ne ho. Wɔyɛ saa de twe nsuo anaa wɔde pae aka anaa wɔde buebue aka mu.

Deuteronomium 11:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 1:7
  • +De 8:7

Deuteronomium 11:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:29; 6:5; 10:12; Mt 22:37

Deuteronomium 11:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ná ɛfiri aseɛ firi October mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

  • *

    Ná ɛfiri aseɛ firi April mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

  • *

    Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:4; De 8:7-9; 28:12; Yer 14:22

Deuteronomium 11:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 8:10

Deuteronomium 11:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 8:19; 29:18; Heb 3:12

Deuteronomium 11:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:15, 23; 1Ah 8:35, 36; 2Be 7:13, 14
  • +De 8:19

Deuteronomium 11:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Nt., “mo ani ntam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 7:1-3

Deuteronomium 11:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:6-9; Mme 22:6; Efe 6:4

Deuteronomium 11:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:40; Mme 4:10
  • +Ge 13:14, 15

Deuteronomium 11:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:5; Lu 10:27
  • +De 10:20; 13:4; Yos 22:5

Deuteronomium 11:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:28; Yos 3:10
  • +De 7:1; 9:1, 5

Deuteronomium 11:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛseɛ, Mediterranea.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 14:9
  • +Ge 15:18; Ex 23:31

Deuteronomium 11:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:24; Yos 1:5
  • +Ex 23:27; Yos 2:9, 10; 5:1

Deuteronomium 11:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 30:15

Deuteronomium 11:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:1, 2; Dw 19:8, 11

Deuteronomium 11:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:15, 16; Yes 1:20

Deuteronomium 11:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 27:12, 13; Yos 8:33, 34

Deuteronomium 11:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 12:6

Deuteronomium 11:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 1:11

Deuteronomium 11:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 5:32; 12:32

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 11:1De 6:5; 10:12; Mr 12:30
Deut. 11:2De 8:5; Heb 12:6
Deut. 11:2De 5:24; 9:26
Deut. 11:2Ex 13:3
Deut. 11:3De 4:34
Deut. 11:4Ex 14:23, 28; Heb 11:29
Deut. 11:6Nu 16:1, 32
Deut. 11:9De 4:40; Mme 3:1, 2
Deut. 11:9Ge 13:14, 15; 26:3; 28:13
Deut. 11:9Ex 3:8; Hes 20:6
Deut. 11:11De 1:7
Deut. 11:11De 8:7
Deut. 11:13De 4:29; 6:5; 10:12; Mt 22:37
Deut. 11:14Le 26:4; De 8:7-9; 28:12; Yer 14:22
Deut. 11:15De 8:10
Deut. 11:16De 8:19; 29:18; Heb 3:12
Deut. 11:17De 28:15, 23; 1Ah 8:35, 36; 2Be 7:13, 14
Deut. 11:17De 8:19
Deut. 11:18Mme 7:1-3
Deut. 11:19De 6:6-9; Mme 22:6; Efe 6:4
Deut. 11:21De 4:40; Mme 4:10
Deut. 11:21Ge 13:14, 15
Deut. 11:22De 6:5; Lu 10:27
Deut. 11:22De 10:20; 13:4; Yos 22:5
Deut. 11:23Ex 23:28; Yos 3:10
Deut. 11:23De 7:1; 9:1, 5
Deut. 11:24Yos 14:9
Deut. 11:24Ge 15:18; Ex 23:31
Deut. 11:25De 7:24; Yos 1:5
Deut. 11:25Ex 23:27; Yos 2:9, 10; 5:1
Deut. 11:26De 30:15
Deut. 11:27De 28:1, 2; Dw 19:8, 11
Deut. 11:28Le 26:15, 16; Yes 1:20
Deut. 11:29De 27:12, 13; Yos 8:33, 34
Deut. 11:30Ge 12:6
Deut. 11:31Yos 1:11
Deut. 11:32De 5:32; 12:32
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 11:1-32

Deuteronomium

11 “Monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na montie no, na monni n’ahyɛdeɛ, n’atemmusɛm, ne ne mmara so daa. 2 Monim sɛ ɛnnɛ, ɛnyɛ mo mma na me ne wɔn rekasa. Wɔn deɛ, wɔnnim na wɔanhu Yehowa mo Nyankopɔn ntenesoɔ,+ ne kɛseyɛ,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne ne basa a watene mu no. 3 Wɔanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no Egypt, ne deɛ ɔde yɛɛ Egypt hene Farao ne ne man nyinaa no.+ 4 Berɛ a Egypt asraafoɔ ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam reti mo na Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no bu faa wɔn so, na ɔsɛee wɔn korakora no, ɛno nso mo mma no anhunu.+ 5 Deɛ ɔyɛ maa mo wɔ serɛ no so kɔsii sɛ mobɛduruu ha no, wɔanhunu bi. 6 Afei nso, berɛ a ɔmaa asaase mu paeɛ na ɛmenee Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne biribiara anaa obiara a ɔdi wɔn akyi wɔ Israelfoɔ nyinaa anim no, wɔanhunu.+ 7 Mo na mode mo ani huu anwanwadeɛ akɛseɛ a Yehowa yɛeɛ no nyinaa.

8 “Monhwɛ nni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na ama mo ho ayɛ den, na moatwa akɔfa asaase no. 9 Wei bɛma moanyini akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefoɔ*+ no so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+

10 “Asaase a morekɔ akɔfa no nte sɛ Egypt asaase a mofiri so baeɛ no. Ɛhɔ deɛ, modua adeɛ a, na mode mo nan na ɛgugu so nsuo* te sɛ mfikyifuo. 11 Nanso asaase a moretwa akɔfa yi yɛ mmepɔ ne abɔn+ asaase a ɛnom nyankonsuo.+ 12 Ɛyɛ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn hwɛ so. Yehowa mo Nyankopɔn ani ku ho firi afe mfitiaseɛ kɔsi afe awieeɛ.

13 “Sɛ motie ahyɛdeɛ a mede rema mo nnɛ yi na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa som no a,+ 14 ɛnneɛ me nso mɛtɔ nsuo agu mo asaase so wɔ ne berɛ mu, sutɔberɛ mu nsuo* ne fefɛ berɛ mu nsuo.* Na mobɛboaboa mo hwiit* ne mo bobesa foforɔ ne mo ngo ano.+ 15 Na mɛma mo nyɛmmoa anya serɛ awe wɔ mo asaase so na mo nso moadidi amee.+ 16 Monhwɛ yie na biribiara antwetwe mo akoma amma moankɔsom anyame foforɔ ankoto wɔn.+ 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa bo bɛfu mo dendeenden, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asaase remmɔ aduane, na ɛrenni da bi na mo ase ahye afiri asaase pa a Yehowa de ama mo no so.+

18 “Momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra* mu, na momfa nkyekyere mo nsa na akae mo, na momfa nyɛ adeɛ a mode bɔ mo moma so.*+ 19 Momfa nkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm berɛ a mote fie, berɛ a monam kwan so, berɛ a moda hɔ, ne berɛ a moasɔre.+ 20 Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aponkɛseɛ ho, 21 na ama mo ne mo mma atena ase akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn no so,+ berɛ tenten a ɔsoro kata asaase so yi.

22 “Sɛ motie mmara a mede rema mo yi nyinaa na modi so, na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ nante n’akwan nyinaa so, na mobata ne ho+ a, 23 Yehowa nso bɛpamo aman yi nyinaa afiri mo anim,+ na moafa aman akɛseɛ a wɔdɔɔso sene mo no asaase atena so.+ 24 Baabi a mo nan bɛtia biara bɛyɛ mo dea.+ Ɛfiri serɛ no so kɔsi Lebanon, ɛfiri Asubɔnten no, Asubɔnten Eufrate ho kɔsi atɔeɛ fam po* no ano nyinaa bɛyɛ mo asaase.+ 25 Obiara rentumi nnyina mo anim.+ Asaase a mobɛfa so no nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn bɛma mo ho hu atɔ wɔn so na wɔasuro mo+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no.

26 “Monhwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim:+ 27 Sɛ motie Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo nnɛ yi a, mo nsa bɛka nhyira no.+ 28 Na nnome no nso, sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ na momane firi kwan a merekyerɛ mo nnɛ yi so kɔdi anyame foforɔ a monnim wɔn akyi a, ɛnneɛ ɛbɛba mo so.

29 “Sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de mo duru asaase a morekɔfa no so a, Gerisim Bepɔ so na monka Onyankopɔn nhyira no, na monka ne nnome no wɔ Ebal Bepɔ so.+ 30 Sɛ motwa kɔ Yordan atɔeɛ fam a, mmepɔ no wɔ Kaananfoɔ a wɔte Araba no asaase so. Ɛhɔ bɛn More nnua akɛseɛ a ɛwɔ Gilgal anim no.+ 31 Moretwa Yordan akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no.+ Sɛ mo nsa ka asaase no na motena so a, 32 monhwɛ nni ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mereka ho asɛm akyerɛ mo nnɛ yi nyinaa so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane