Deuteronomium
11 “Monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na montie no, na monni n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm+ ne ne mmara so daa. 2 Na mo ara monim nnɛ sɛ ɛnyɛ mo mma na me ne wɔn kasaeɛ. (Wɔn deɛ, wɔnnim na wɔanhunu Yehowa mo Nyankopɔn ntenesoɔ+ ne ne kɛseyɛ,+ ne nsa a ɛyɛ den+ ne ne basa a watene mu,+ 3 anaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a ɔde baa Egypt hene Farao ne ne man nyinaa so wɔ Egypt no.+ 4 Afei wɔnnim sɛ berɛ a Egypt asraafoɔ ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam retĩ mo no,+ Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no bu faa wɔn so, na ɔsɛee wɔn koraa bɛsi nnɛ.+ 5 Wɔnnim deɛ ɔyɛɛ mo serɛ no soɔ kɔsii sɛ mobɛduruu ha. 6 Na saa ara nso na wɔnnim sɛ ɔmaa asase mu bueeɛ na ɛmenee Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram+ ne wɔn fie ne wɔn ntomadan ne biribiara anaa obiara a ɔdi wɔn akyi wɔ Israelfoɔ nyinaa mu.)+ 7 Mo na mode mo ani hunuu anwanwadeɛ akɛseɛ a Yehowa yɛeɛ no nyinaa.+
8 “Monhwɛ nni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so+ na ama mo ho ayɛ den, na moatwa akɔfa asase a morekɔ soɔ no.+ 9 Yei bɛma mo nna aware+ wɔ asase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so,+ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no.+
10 “Asase a morekɔ akɔfa no nte sɛ Egypt asase a mofiri so baeɛ no. Ɛhɔ deɛ, modua adeɛ a, na mode mo nan na ɛgugu so nsuo sɛ mfikyifuo. 11 Nanso asase a morekɔfa yi yɛ mmepɔ+ ne mmɔnka asase a ɛnom nyankonsuo. 12 Ɛyɛ asase a Yehowa mo Nyankopɔn hwɛ soɔ. Yehowa mo Nyankopɔn ani+ wɔ so daa firi afe ahyɛase kɔsi afe awieeɛ.
13 “Sɛ motie ahyɛdeɛ+ a mede rema mo nnɛ yi na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn de mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa som no+ a, 14 ɛnneɛ me nso mɛtɔ nsuo agu mo asase so wɔ ne berɛ mu,+ asusɔ ne adonsuo.+ Na mobɛboaboa mo nnɔbaeɛ ne mo nsã dɔkɔdɔkɔ ne mo ngo ano. 15 Na mɛma mo mmoa anya serɛ awe wɔ mo asase so+ na mo nso moadidi amee.+ 16 Monhwɛ yie na biribiara antwetwe mo akoma+ na moankɔsom anyame foforɔ ankoto wɔn.+ 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asase remmɔ aduane. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afiri asase pa a Yehowa de ama mo no so.+
18 “Enti momfa me nsɛm yi nsie mo akoma+ ne mo kra mu, na momfa nyɛ sɛnkyerɛnne nkyekyere mo nsa, na ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mo moma so.+ 19 Na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm berɛ a mote fie, berɛ a monam kwan soɔ, berɛ a moda hɔ, ne berɛ a moasɔreɛ.+ 20 Na montwerɛ ngu mo fie apono ne mo aponkɛseɛ ho,+ 21 na ama mo ne mo mma nna adɔɔso+ asase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn no so,+ berɛ tenten a ɔsoro kata asase soɔ yi.+
22 “Na sɛ motie mmara+ a mede rema mo yi nyinaa na modi so, na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ nante n’akwan nyinaa so,+ na mode mo ho fam ne ho+ a, 23 Yehowa nso bɛpamo aman yi nyinaa ama mo,+ na mobɛdi aman akɛseɛ a wɔdɔɔso sene mo so.+ 24 Baabi a mo nan bɛtia biara bɛyɛ mo dea.+ Ɛfiri serɛ so kɔsi Lebanon, ɛfiri asubɔnten kɛseɛ no, asubɔnten Eufrate, ho kɔsi atɔeɛ fam po no ano nyinaa bɛyɛ mo asase.+ 25 Obiara rentumi nnyina mo anim.+ Yehowa mo Nyankopɔn bɛma mo ho hu atɔ asase+ a mobɛfa soɔ no nyinaa so na wama wɔasuro mo, sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no.
26 “Monhwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome asi mo anim:+ 27 Sɛ motie Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ a mede rema mo nnɛ yi a, nhyira na mobɛnya. 28 Na sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ na momane firi kwan a merekyerɛ mo nnɛ yi so kɔdi anyame foforɔ a monnim wɔn akyi a, ɛnneɛ nnome+ na ɛbɛba mo soɔ.
29 “Na sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de mo duru asase a morekɔfa no so a,+ monhyira wɔ Bepɔ Gerisim+ so na monnome wɔ Bepɔ Ebal+ so. 30 Hwɛ, ɛwɔ Yordan apueeɛ wɔ Kanaanfoɔ a wɔte Araba+ no asase so. Ɛhɔ bɛn More+ nnua akɛseɛ a ɛwɔ Gilgal+ anim no. 31 Na moretwa Yordan akɔfa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no na moatena so.+ 32 Enti monhwɛ nni ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ a mereka ho asɛm akyerɛ mo nnɛ no nyinaa so.+