Deuteronomium 5:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ deɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ mo nyinaa.+ Mommmane nnkɔ nifa anaa benkum.+ Deuteronomium 12:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+ Dwom 119:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wo na woahyɛ yɛn+ sɛYɛnhwɛ nni wo mmara so yie.+ 1 Yohane 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ;+ na n’ahyɛdeɛ nyɛ den,+