Deuteronomium 4:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mommfa biribiara nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so. Yosua 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duro na wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa woɔ no nyinaa soɔ.+ Mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’adeɛ nyansam baabi a wobɛkorɔ biara.+ Mmebusɛm 30:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mfa biribiara nka ne nsɛm ho+ na wanka w’anim, na woanyɛ ɔtorofoɔ.+
2 Mommfa biribiara nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so.
7 “Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duro na wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa woɔ no nyinaa soɔ.+ Mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’adeɛ nyansam baabi a wobɛkorɔ biara.+