3 Tena asase yi so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mɛhyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefoɔ,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+
5 Ɛnyɛ wo tenenee+ anaa w’akomam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumuyɔ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.