Deuteronomium
10 “Saa berɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sene abopono mmienu te sɛ kane deɛ no+ na fa bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so. Afei fa dua yɛ adaka. 2 Abopono a ɛdi kan a wobubuu no no, mɛtwerɛ nsɛm a na ɛwɔ so no agu foforɔ no so, na wode agu adaka no mu.’ 3 Enti mede ɔkanto dua yɛɛ adaka na mesenee abopono mmienu te sɛ kane deɛ no. Afei mede abopono mmienu no kɔɔ bepɔ no so.+ 4 Na ɔtwerɛɛ Mmara Nsɛm Du*+ no guu abopono no so sɛdeɛ na ɛwɔ kane deɛ no so no.+ Wei ne nsɛm a Yehowa firi egya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so,+ berɛ a mobɔɔ dwa no.+ Yehowa wieeɛ no, ɔde maa me. 5 Afei mesiane firii bepɔ no so+ na mede abopono no bɛguu adaka a mayɛ no mu sɛdeɛ Yehowa kaa sɛ menyɛ no, na ɛhɔ ara na ɛwɔ.
6 “Ɛno akyi no, Israelfoɔ tu firii Beerot Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wosiee no,+ na ne ba Eleasar sii n’ananmu dii sɔfoɔ.+ 7 Afei wɔfirii hɔ kɔɔ Gudgoda, na wɔfirii Gudgoda kɔɔ Yotbata,+ asaase a nsubɔnten sene wɔ so no.
8 “Saa berɛ no, Yehowa yii Lewi abusuakuo no+ sɛ wɔnsoa Yehowa apam adaka no+ na wɔnnyina Yehowa anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira nnipa+ sɛdeɛ wɔayɛ de abɛsi nnɛ yi. 9 Wei nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapadeɛ wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapadeɛ sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 10 Medii nnafua 40, awia ne anadwo wɔ bepɔ no so te sɛ kane no,+ na saa berɛ no nso Yehowa tiee me,+ enti Yehowa ansɛe mo. 11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre di ɔman no anim na wɔnyɛ ahoboa nkɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.’+
12 “Afei Israel, ɛdeɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ firi wo hɔ?+ Ɛne sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn+ na woanante n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+ 13 na woadi Yehowa mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi so, na asi wo yie.+ 14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+ 15 Nanso w’agyanom nko ara na Yehowa kaa wɔn bataa ne ho yii ne dɔ adi kyerɛɛ wɔn, na wayi mo a moyɛ wɔn asefoɔ no+ afiri aman nyinaa mu sɛdeɛ yɛhu nnɛ yi. 16 Afei momma mo akomam nte*+ na monnyae asoɔden no.*+ 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyimu+ na ɔnnye adanmudeɛ.* 18 Ɔbu atɛntenenee ma nnyanka ne akunafoɔ,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔhoɔ,+ na ɔma wɔn aduane ne deɛ wɔbɛhyɛ. 19 Mo nso monnya ɔdɔ mma ahɔhoɔ a wɔte mo mu, ɛfiri sɛ na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asaase so.+
20 “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ ɔno na ɛsɛ sɛ wobata ne ho, na ne din na fa ka ntam. 21 Ɔno na ɛsɛ sɛ woyi no ayɛ.+ Ɔno ne wo Nyankopɔn a wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu a wode w’ani ahunu yi.+ 22 Nnipa* 70 na w’agyanom de wɔn kɔɔ Egypt,+ nanso seesei Yehowa wo Nyankopɔn ama woayɛ dɔm kɛseɛ te sɛ ɔsoro nsoromma.+