23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Hor Bepɔ ho wɔ Edom hyeɛ so sɛ: 24 “Wɔde Aaron bɛkɔ akɔka n’agyanom ho.*+ Ɔrenkɔ asaase a mede bɛma Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ mo mmienu, moyɛɛ asoɔden wɔ m’ahyɛdeɛ a ɛfa Meriba nsuo ho no ho.+
38 Na ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor Bepɔ so, sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔwuu wɔ hɔ. Wei yɛ berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no afe a ɛtɔ so 40, bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛdi kan.+