7“Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asaase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo+ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ,+ Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ.+
5 Ɛnyɛ wo tenenee anaa w’akoma a emu teɛ nti na worekɔfa wɔn asaase no. Mmom aman yi bɔne nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.