21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ ɛpo no so+ na Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire maa ɛpo no ase danee asaase kesee.+ Na nsuo no mu paee mmienu.+
27 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na adeɛ rekye no, nsuo no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfoɔ no yɛɛ sɛ wɔredwane, nanso Yehowa kaa wɔn guu ɛpo no mfimfini.+