Dwom 45:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Onyankopɔn ne w’ahennwa daa daa,+Na w’ahempoma yɛ teeyɛ poma.+ Yesaia 16:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “Wɔde ahennwa bi bɛtim hɔ adɔeɛ so,+ na obi bɛtena so nokorɛdie mu wɔ Dawid ntomadan mu.+ Ɔbɛbu atɛn ahwehwɛ atɛntenenee, na ɔbɛyɛ adetenenee ntɛm.”+ Yesaia 32:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Hwɛ, ɔhene+ bi bɛdi adeɛ tenenee mu,+ na aberempɔn+ nso bɛdi tumi atɛntenenee mu. Yohane 5:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Mentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee; deɛ meteɛ no ara na megyina so bu atɛn; na atɛn a mebuo no tene,+ ɛfiri sɛ menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.+ Hebrifoɔ 1:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso ɔka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa daa+ daa, na w’ahempoma+ yɛ teeyɛ poma.+
5 “Wɔde ahennwa bi bɛtim hɔ adɔeɛ so,+ na obi bɛtena so nokorɛdie mu wɔ Dawid ntomadan mu.+ Ɔbɛbu atɛn ahwehwɛ atɛntenenee, na ɔbɛyɛ adetenenee ntɛm.”+
30 Mentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee; deɛ meteɛ no ara na megyina so bu atɛn; na atɛn a mebuo no tene,+ ɛfiri sɛ menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.+