7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+
9 “O Sion babaa, ma w’ani nnye pii.+ O Yerusalem babaa, team bɔ ose.+ Hwɛ! Wo hene+ reba wo nkyɛn.+ Ɔyɛ teneneeni na wɔagye no nkwa;+ ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afunumu so, afunumu bereɛ ba so.+
11 Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi nie.+ Na wɔfrɛ deɛ ɔte ne soɔ no Ɔnokwafoɔ+ a wɔwɔ Ne mu ahotɔsoɔ,+ na ɔbu atɛn, tu sa tenenee mu.+