Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 19:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na monnni mmma onipa titire.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.

  • Deuteronomium 16:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 “Sisi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ+ wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no apono ano, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn.

  • Yesaia 1:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Monsua papayɛ,+ monhwehwɛ atɛntenenee,+ montene osisifoɔ so,+ monni agyanka asɛm mma no,+ na monka bi mma okunafoɔ.”+

  • Yeremia 21:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 O Dawid fie,+ deɛ Yehowa aka nie: “Anɔpa biara+ mommu atɛntenenee+ na monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam,+ na m’abufuo amfiri adi sɛ egya+ ammɛhye a obi ntumi nnum no, mo nneyɛɛ bɔne nti.”’+

  • Hesekiel 22:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Wo mu na wɔbu agya ne ɛna animtia,+ wɔsisi ɔhɔhoɔ,+ na wɔteetee agyanka ne okunafoɔ a wɔwɔ wo nkyɛn no.”’”+

  • Hesekiel 22:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Ɔman no mufoɔ bɔ nkurɔfoɔ apoo+ hwim wɔn nneɛma,+ wɔtan ɔbrɛfoɔ ne ohiani ani,+ na wɔde atɛntenenee to nkyɛn bɔ hɔhoɔ apoo.’+

  • Mika 2:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Wɔn ani bere afuo na wɔgye,+ wɔpɛ afie na wɔfa; wɔbɔ dɔmmarima ne ne fie apoo,+ wɔsisi ɔbarima gye n’agyapadeɛ.+

  • Sakaria 7:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Momfa nokorɛ mmu atɛn,+ na obiara ne ne yɔnko nni no adɔeɛ+ ne mmɔborɔhunu+ so.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane