12 Mongu aba wɔ tenenee mu,+ na montwa no adɔeɛ mu.+ Seesei a mowɔ berɛ a mode bɛhwehwɛ Yehowa yi, monnɔ afusase+ nkɔsi sɛ ɔbɛba+ abɛkyerɛkyerɛ mo wɔ tenenee mu.+
8 Ɔdasani, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.+ Na ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee+ na woadɔ ayamyɛ+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn ananteɛ.+