Rut 3:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na afei me ba, nsuro. Deɛ wobɛka biara mɛyɛ ama wo,+ ɛfiri sɛ kurom hafoɔ nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.+ Mmebusɛm 12:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔyere pa yɛ ne kunu abotire,+ na deɛ ɔyɛ aniwudeɛ deɛ, ɔyɛ ne kunu nnompe mu porɔeɛ.+ Mmebusɛm 19:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Efie ne ahodeɛ yɛ agyapadeɛ a papanom de gya wɔn mma,+ na ɔyere badwemma firi Yehowa.+
11 Na afei me ba, nsuro. Deɛ wobɛka biara mɛyɛ ama wo,+ ɛfiri sɛ kurom hafoɔ nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.+