Rut
3 N’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ homebea+ ma woɔ, na asi wo yie. 2 Boas a wo ne ne mmabaa yɛ adwuma no, ɔnyɛ yɛn ho nipa+ anaa? Hwɛ, ɔbɛhu+ atokoɔ so ayuporobea hɔ anwummerɛ yi. 3 Enti dware fa ngo sra+ na hyɛ w’atadeɛ,+ na kɔ ayuporobea hɔ. Mma ɔbarima no nnhu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi na wanom awie. 4 Sɛ ɔkɔda a, hwɛ faako a ɔbɛda, na kɔyi ne nan ho ntoma na da hɔ; na ɔno ara bɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woaka biara mɛyɛ.” 6 Na ɔsiim kɔɔ ayuporobea hɔ kɔyɛɛ deɛ n’ase ka kyerɛɛ no no nyinaa. 7 Ɛbaa sɛ berɛ a Boas adidi na wanom ama n’ani agye+ n’akomam no, ɔkɔdaa atokoɔ a wɔaboa ano no akyi. Na ɔbaa no yɛɛ brɛoo kɔyii ne nan ho ntoma daa hɔ. 8 Na dasuom no, ɔbarima no bɔɔ birim, na ɔmaa ne mu so. Ɔbɛhwɛ a, ɔbaa bi na ɔda n’anafoɔ yi! 9 Ɛnna ɔse: “Hwan nie?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me, w’afenaa Rut; trɛ wo ntoma mu kata w’afenaa so, ɛfiri sɛ woyɛ abusua mu ɔgyefoɔ.”+ 10 Na ɔkaa sɛ: “Yehowa nhyira wo,+ me ba. Adɔeɛ+ a woada no adi nnɛ yi sene kane deɛ no+ koraa, ɛfiri sɛ woankɔdi mmeranteɛ akyi, sɛ́ wɔyɛ ahiafoɔ anaa asikafoɔ. 11 Na afei me ba, nsuro. Deɛ wobɛka biara mɛyɛ ama wo,+ ɛfiri sɛ kurom hafoɔ nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.+ 12 Ɛwom sɛ meyɛ abusua mu ɔgyefoɔ+ ampa deɛ, nanso ɔgyefoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛn sene me.+ 13 Da ha anadwo yi, na adeɛ kye anɔpa na sɛ ɔbɛgye+ wo a, ɛyɛ, ma no nnye wo! Na ɔmpɛ sɛ ɔgye wo nso a, ɛnneɛ sɛ Yehowa te aseɛ yi,+ me na mɛgye woɔ. Da ha ma adeɛ nkye.”
14 Enti ɔdaa n’anafoɔ kɔsii anɔpa, na ɔsɔreeɛ no, na animu nteteeɛ a obi bɛhu no. Afei ɔbarima no kaa sɛ: “Mma obiara nnhunu sɛ ɔbaa bi baa ayuporobea ha.”+ 15 Na ɔka kaa ho sɛ: “Fa wo nkatasoɔ no bra na trɛ mu.” Enti ɔtrɛɛ mu, na ɔsusuu atokoɔ susukoraa nsia guu mu de soaa no, na ɔbarima no siim kɔɔ kurom.
16 Na ababaa no sii kwan so kɔɔ n’ase hɔ, na n’ase no kaa sɛ: “Me ba, wonie?” Ɛnna ɔkaa deɛ ɔbarima no yɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ no. 17 Na ɔkaa sɛ: “Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ w’ase hɔ,’ enti na ɔmaa me atokoɔ susukoraa nsia yi.”+ 18 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Me ba, tena ase twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu sɛdeɛ asɛm no bɛsie, na ɔbarima no ho rentɔ no kɔsi sɛ ɔbɛdi asɛm no ho dwuma awie nnɛ.”+