Rut
2 Ná Naomi kunu wɔ busuani+ ɔdefoɔ+ bi a ne din de Boas;+ ná ɔfiri Elimelek abusua mu.
2 Berɛ bi akyi no, Moabni Rut ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Ma menkɔ obiara a mɛnya n’anim adom afuo mu nkɔdi n’akyi nsesa+ nnɔbaeɛ a wɔatwa awie no ase.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, kɔ.” 3 Ɛnna ɔkɔ kɔdii wɔn a wɔretwa nnɔbaeɛ no akyi kɔsesaa aseɛ.+ Baabi a ɔkɔpueeɛ no, na ɛhɔ yɛ Elimelek+ busuani Boas+ afuo mu. 4 Na hwɛ, Boas firi Betlehem baeɛ, na sɛ ɔka kyerɛ adwumayɛfoɔ no sɛ: “Yehowa nka mo ho”+ a, na wɔn nso wɔagye so sɛ: “Yehowa nhyira wo.”+
5 Ɛnna Boas+ bisaa aberanteɛ a ɔhwɛ adwumayɛfoɔ no soɔ no sɛ: “Saa ababaa yi firi he?” 6 Aberanteɛ a ɔhwɛ adwumayɛfoɔ no soɔ no buaa sɛ: “Ababaa no yɛ Moabni+ a ɔne Naomi firi Moab asase so baeɛ no.+ 7 Ɔbɛkaa sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma menni adwumayɛfoɔ no akyi na mensesa+ nnɔbaeɛ no ase.’ Enti ɔbaeɛ, na wagyina ne nan so firi anɔpa de abɛsi sɛsɛɛ, na afei na watena ase kakra.”+
8 Akyire yi, Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: “Me ba, tie deɛ mereka yi. Mfiri ha nkɔ baabiara,+ nkɔ afuo foforɔ biara mu nkɔsesa nnɔbaeɛ ase; di me mmaawa yi akyi.+ 9 Hwɛ di wɔn akyi fa afuo no fã a wɔretwa no. Maka akyerɛ mmeranteɛ no sɛ wɔmmfa wɔn nsa nnka+ wo. Sɛ sukɔm de wo a, nom nsuo a mmeranteɛ no bɛkɔ akɔsa no bi.”+
10 Ɛnna ɔde n’anim butuu fam+ kaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na ɔhɔhoɔ te sɛ me,+ me ho asɛm ahia woɔ na manya w’anim adom yi?” 11 Na Boas nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛ maa w’ase no,+ mate+ ne nyinaa, sɛdeɛ woagya wo papa ne wo maame ne w’abusuafoɔ hɔ abɛtena asase yi soɔ, baabi a wonnim hɔ da.+ 12 Yehowa nhyira wo deɛ woyɛ biara mu,+ na Yehowa, Israel Nyankopɔn a woabɛhyɛ ne ntaban aseɛ+ no mma wo akatua pa.”+ 13 Na ɔkaa sɛ: “Me wura, ma mennya w’anim adom daa. Woakyekyere me werɛ, na woaka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ w’abaawa,+ nso menyɛ wo mmaawa no bi mpo.”+
14 Ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe bɛn ha bɛdidi+ na fa wo paanoo bɔ bobe nsuo no mu bi.” Enti ɔkɔtenaa adwumayɛfoɔ no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ,+ na ɔwe meeɛ maa ebi kaeɛ. 15 Afei ɔsɔree sɛ ɔrekɔsesa+ nnɔbaeɛ no ase. Ɛnna Boas ka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: “Momma no nsesa bi, na obiara nnteetee+ no. 16 Monyiyi nnɔbaeɛ no nso bi ngu fam mma no nsesa,+ na monnteatea no.”
17 Na ɔsesaa nnɔbaeɛ wɔ afuo no mu kɔsii anwummerɛ;+ ɔboroo+ deɛ wasesa no, na ɔnyaa atokoɔ bɛyɛ efa+ baako. 18 Ɛnna ɔfa kɔɔ fie, na n’ase hunuu nnɔbaeɛ a ɔnyaeɛ no. Na ɔde aduane a ɔdii no afuo mu maa no kaeɛ no+ maa no.
19 Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: “Ɛhe na wokɔsesaa nnɔbaeɛ nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Nhyira nka onipa a ɔdom woɔ no.”+ Ɔkyerɛɛ n’ase no baabi a ɔkɔsesaa nnɔbaeɛ no, na ɔkaa sɛ: “Ɔbarima a mekɔɔ n’afuo mu nnɛ no din de Boas.” 20 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Yehowa a ɔda adɔeɛ+ adi kyerɛ ateasefoɔ ne awufoɔ+ no nhyira no.”+ Na Naomi ka toaa so sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa.+ Ɔyɛ busuani a ɔbɛtumi agye yɛn.”+ 21 Na Moabni Rut kaa sɛ: “Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Di m’adwumayɛfoɔ no akyi kɔsi sɛ wɔbɛtwa me nnɔbaeɛ no nyinaa awie.’”+ 22 Ɛnna Naomi+ ka kyerɛɛ n’ase+ Rut sɛ: “Me ba, ɛyɛ sɛ wo ne ne mmabaa no bɛyɛ adwuma na obi ankɔha wo wɔ afuo foforɔ bi mu.”+
23 Enti ɔdii Boas mmabaa no akyi sesaa nnɔbaeɛ ase kɔsii sɛ wɔtwaa atokoɔ+ ne ayuo no wieeɛ. Na ɔkɔɔ so ne n’ase no tenaeɛ.+