Rut
2 Ná Naomi kunu wɔ busuani bi a ɔwɔ sika paa. Ne din de Boas,+ na na ɔfiri Elimelek abusua mu.
2 Moabni Rut ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ obiara a mɛnya n’anim adom afuo mu nkɔdi n’akyi nsesa baali* a wɔatwa awie no ase.”+ Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, kɔ.” 3 Ɛnna ɔkɔ kɔdii wɔn a wɔretwa baali no akyi kɔsesaa aseɛ. Baabi a ɔkɔpueeɛ no, na ɛhɔ yɛ Elimelek+ busuani Boas+ afuo mu. 4 Emu hɔ ara na Boas firi Betlehem baeɛ, na ɔkyeaa adwumayɛfoɔ no sɛ: “Yehowa nka mo ho,” na wɔn nso gyee so sɛ: “Yehowa nhyira wo.”
5 Ɛnna Boas bisaa aberanteɛ a ɔhwɛ adwumayɛfoɔ no so no sɛ: “Saa ababaawa yi firi he?” 6 Aberanteɛ no buaa sɛ: “Ababaawa no yɛ Moabni;+ ɔne Naomi na ɛfiri Moab asaase so baeɛ.+ 7 Ɔbɛkaa sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma menni adwumayɛfoɔ no akyi na mensesa baali a wɔatwa awie* no ase.’+ Enti ɔbaeɛ, na wagyina ne nan so firi anɔpa abɛsi sɛsɛɛ. Afei ara na wakɔtena apata no ase regye n’ahome kakra.”
8 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: “Me ba, tie deɛ mereka yi. Mfiri ha nkɔ baabiara, nkɔ afuo foforɔ biara mu nkɔsesa nnɔbaeɛ ase; di me mmaawa yi akyi.+ 9 Hwɛ afuo no fã a wɔretwa no, na di wɔn akyi. Maka akyerɛ mmeranteɛ no sɛ wɔmmfa wɔn nsa nnka wo.* Sɛ sukɔm de wo a, nsuo a mmeranteɛ no akɔ agu ahina mu no, nom bi.”
10 Ɛnna Rut bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam, na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na ɔhɔhoɔ te sɛ me, me ho asɛm ahia wo na manya w’anim adom saa yi?”+ 11 Boas nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛ maa w’ase no, mate ne nyinaa; woagya wo papa ne wo maame ne w’abusuafoɔ hɔ abɛtena nnipa a wonnim wɔn da mu.+ 12 Deɛ woayɛ nti, Yehowa nhyira wo.+ Yehowa, Israel Nyankopɔn a woabɛhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne ntaban ase+ no mma wo akatua pa.”* 13 Ɔno nso kaa sɛ: “Me wura, ma mennya w’anim adom daa ɛfiri sɛ woakyekye me werɛ, na woaka asomdwoeɛ nsɛm* akyerɛ w’abaawa, nanso menyɛ wo mmaawa no mu bi mpo.”
14 Ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe bɛn ha bɛdi paanoo no bi; fa bɔ nsã a emu ka no mu.” Enti ɔkɔtenaa adwumayɛfoɔ no nkyɛn. Akyire yi, Boas maa no nkyeweɛ, na ɔdidi mee maa ebi kaeɛ. 15 Berɛ a ɔsɔree sɛ ɔrekɔsesa nnɔbaeɛ ase no,+ Boas ka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: “Baali a wɔatwa awie* no, momma no nsesa aseɛ no bi; monnteetee no.+ 16 Deɛ moaboaboa ano no nso, monyiyi bi ngu fam ma no nsesaw; monnteatea no.”
17 Enti Rut sesaa baali wɔ afuo no mu kɔsii anwummerɛ.+ Ɔboroo deɛ wasesa no, na ɔnyaa bɛyɛ efa* baako. 18 Ɛnna ɔde baa kuro no mu, na n’ase huu baali a ɔnyaeɛ no. Afei aduane a ɔdii no afuo mu no, ɔde deɛ ɛkaeɛ no+ maa no.
19 Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: “Ɛhe na wokɔsesaa nnɔbaeɛ ase nnɛ? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Nhyira nka onipa a ɔdom wo no.”+ Ɔkyerɛɛ n’ase no faako a ɔkɔyɛɛ adwuma, na ɔkaa sɛ: “Ɔbarima a mekɔɔ n’afuo mu nnɛ no din de Boas.” 20 Naomi ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Yehowa a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ ateasefoɔ ne awufoɔ no+ nhyira ɔbarima no.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa.+ Ɔyɛ busuani a ɔbɛtumi agye yɛn.”+ 21 Na Moabni Rut kaa sɛ: “Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Di m’adwumayɛfoɔ no akyi kɔsi sɛ wɔbɛtwa me nnɔbaeɛ no nyinaa awie.’”+ 22 Ɛnna Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: “Me ba, ɛyɛ sɛ wo ne ne mmaawa no bɛyɛ adwuma na obi ankɔdwoodwoo wo wɔ afuo foforɔ mu.”
23 Enti ɔdii Boas mmaawa no akyi sesaa nnɔbaeɛ ase kɔsii sɛ berɛ a wɔtwa baali+ ne berɛ a wɔtwa hwiit no baa awieeɛ. Na ɔkɔɔ so ne n’ase no tenaeɛ.+