Rut
3 N’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ homebea ma wo+ na asi wo yie. 2 Boas nyɛ yɛn ho nipa anaa?+ Ne mmaawa na wo ne wɔn yɛɛ adwuma no. Hwɛ, anwummerɛ yi, ɔbɛhu baali* so wɔ ayuporobea hɔ. 3 Enti dware na sra ngo hwamhwam; hyɛ w’ataadeɛ na kɔ ayuporobea hɔ. Mma ɔbarima no nnhu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi na wanom awie. 4 Sɛ ɔkɔda a, hwɛ faako a ɔbɛda, na kɔyi ne nan ho ntoma na da hɔ bi. Ɔno ara bɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
5 Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woaka biara mɛyɛ.” 6 Enti ɔsiim kɔɔ ayuporobea hɔ kɔyɛɛ deɛ n’ase ka kyerɛɛ no nyinaa. 7 Ɛbaa sɛ berɛ a Boas adidi na wanom ama n’ani agye n’akomam no, ɔkɔdaa baali a wɔaboa ano no akyi. Ɛnna Rut yɛɛ brɛoo kɔyii ne nan ho ntoma daa hɔ. 8 Ɛduruu anadwo dasuom no, ɔbarima no ho firii aseɛ popoeɛ, na ɔmaa ne mu so. Ɔnkɔhwɛ a, ɔbaa bi na ɔda ne nan ase yi! 9 Enti ɔkaa sɛ: “Hwan nie?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me, w’afenaa Rut. Trɛ wo ntoma mu kata w’afenaa so, ɛfiri sɛ woyɛ abusua mu ɔgyefoɔ.”+ 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa nhyira wo, me ba. Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a woada no adi nnɛ yi sene kane deɛ no koraa,+ ɛfiri sɛ woankɔdi mmeranteɛ akyi, sɛ́ wɔyɛ ahiafoɔ anaa asikafoɔ. 11 Na afei me ba, nsuro. Deɛ wobɛka biara mɛyɛ ama wo,+ ɛfiri sɛ kurom hafoɔ nyinaa* nim sɛ woyɛ ɔbaa pa. 12 Ɛwom sɛ meyɛ abusua mu ɔgyefoɔ deɛ,+ nanso ɔgyefoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛn sene me.+ 13 Da ha anadwo yi, na adeɛ kye anɔpa na sɛ ɔbɛgye wo a, ɛyɛ, ma no nnye wo!+ Sɛ ɔmpɛ sɛ ɔgye wo nso a, ɛnneɛ sɛ Yehowa te ase yi, me na mɛgye wo. Da ha ma adeɛ nkye.”
14 Enti ɔdaa ne nan ase kɔsii anɔpa, na ɔsɔreeɛ no, na animu nteteeɛ a obi bɛhu no. Afei ɔbarima no kaa sɛ: “Mma obiara nnhu sɛ ɔbaa bi baa ayuporobea ha.” 15 Ɛnna ɔsan kaa sɛ: “Fa wo nkatasoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔtrɛɛ mu no, ɔsusuu baali susukuruwa nsia* guu mu de soaa no. Afei ɔbarima no siim kɔɔ kurom.
16 Ababaawa no sii kwan so kɔɔ n’ase hɔ, na n’ase kaa sɛ: “Me ba, wokɔeɛ ɛ?”* Ɛnna ɔkaa deɛ ɔbarima no yɛ maa no nyinaa kyerɛɛ no. 17 Afei ɔkaa sɛ: “Baali susukuruwa nsia yi nyinaa, ɔbarima no na ɔde maa me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ w’ase hɔ.’” 18 Ɛnna Naomi kaa sɛ: “Me ba, tena ha twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi, na ɔbarima no anni ho dwuma anwie nnɛ a, ne ho rentɔ no.”