Rut
1 Berɛ a atemmufoɔ+ bu atɛn no, ɛkɔm+ baa asase no so. Na ɔbarima bi ne ne yere ne wɔn mma mmarima mmienu tu firii Betlehem+ a ɛwɔ Yuda kɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ Moab+ asase so. 2 Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere nso din de Naomi, na ne mma mmienu no din de Malon ne Kilion. Ná wɔyɛ Efratafoɔ+ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Berɛ a wɔkɔduruu Moab asase soɔ no, wɔtenaa hɔ.
3 Berɛ bi akyi no, Naomi kunu Elimelek wuiɛ, na ɛkaa ɔne ne mma mmienu no. 4 Akyire yi, ne mma no waree Moabfoɔ mmaa.+ Baako din de Orpa, na baako nso de Rut,+ na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfeɛ du. 5 Wɔn mmienu no, Malon ne Kilion nso wuwuiɛ, enti ɔbaa no kunu ne ne mma mmienu no nyinaa wuwu gyaa no. 6 Berɛ a ɔwɔ Moab asase soɔ no, ɔtee sɛ Yehowa asan abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ+ ama wɔn aduane,+ enti ɔyɛɛ sɛ ɔne ne nsenom bɛtu afiri Moab asan akɔ.
7 Ɔtu firii baabi a ɔkɔtenaeɛ no,+ na ɔne ne nsenom mmienu no sii kwan so sɛ wɔresan akɔ Yuda asase so. 8 Ɛnna Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom mmienu no sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa ne mo nni no adɔeɛ so,+ sɛdeɛ mo ne mmarima a wɔawuo no ne me adi no adɔeɛ soɔ no.+ 9 Yehowa nhyira+ mo, na ɔmma monnya homebea+ wɔ mo kununom fie.” Afei ɔfefee wɔn ano,+ na wɔmemaa wɔn nne so suiɛ. 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dabi, yɛne wo nyinaa bɛkɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.”+ 11 Na Naomi kaa sɛ: “Me mma, monsan. Adɛn nti na mopɛ sɛ mo ne me korɔ? Mɛtumi asan awo mma ama moaware wɔn anaa?+ 12 Me mma, monsan, manyini dodo sɛ mɛware bio. Na sɛ meka sɛ mɛtumi anya kunu anadwo yi awo mma mpo a,+ 13 mobɛtumi atwɛn ama wɔanyinyini? Mobɛtumi atwɛn wɔn a morenwareɛ? Me mma, ɛrenyɛ yie; mo asɛm yɛ me awerɛho paa ɛfiri sɛ Yehowa ne me anni no yie.”+
14 Ɔkaa saa no, wɔmemaa wɔn nne so suu bio, na Orpa fee n’ase ano ne no dii nkra. Rut deɛ, wansan.+ 15 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo kora kunafoɔ no asan kɔ ne nkurɔfoɔ ne n’anyame nkyɛn.+ San na wo ne wo kora nkɔ.”+
16 Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ mensan mfiri w’akyi; na baabi a wobɛkorɔ no, ɛhɔ na mɛkorɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda.+ Wo man bɛyɛ me man,+ na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+ 17 Deɛ wobɛwuo no, ɛhɔ ara na mɛwuo,+ na ɛhɔ ara nso na wɔbɛsie me. Gye owuo na ɛbɛtete me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”+
18 Berɛ a ɔhunuu sɛ wawe ataa so sɛ ɔne no bɛkorɔ no,+ wanhyɛ no bio. 19 Enti wɔn mmienu no toaa so kɔduruu Betlehem.+ Na berɛ a wɔduruu Betlehem no, kurom hɔfoɔ nyinaa bɔɔ twi bɛhwɛɛ wɔn,+ na mmaa no kaa sɛ: “Naomi nie?”+ 20 Na ɔka kyerɛɛ mmaa no sɛ: “Mommfrɛ me Naomi. Momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ no ne me adi no nwononwono paa.+ 21 Mekɔɔ no mã,+ nanso Yehowa ama maba no nsapan.+ Adɛn nti na mofrɛ me Naomi, berɛ a Yehowa abrɛ me aseɛ,+ na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ama no awie me bɔne yi?”+
22 Saa na ɛyɛeɛ a Naomi ne n’ase Moabni Rut san firii Moab+ asase so baeɛ. Wɔduruu Betlehem+ no na wɔafiri atokoɔ twa ase.+