11 Na Boas nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛ maa w’ase no,+ mate+ ne nyinaa, sɛdeɛ woagya wo papa ne wo maame ne w’abusuafoɔ hɔ abɛtena asase yi soɔ, baabi a wonnim hɔ da.+
17 Ahemman no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no ani gyeeɛ, na wɔdii ahurisie too pono+ sɛpɛɛ wɔn ho. Na aman no mu nnipa+ pii yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ,+ ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ho hu+ atɔ wɔn so.