6 Na Yehowa bɛtwaam n’anim paee mu kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ+ ne ɔdomfoɔ,+ deɛ ne bo kyɛre fuo+ na n’adɔeɛ+ ne ne nokorɛdie+ dɔɔso.
20 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Yehowa a ɔda adɔeɛ+ adi kyerɛ ateasefoɔ ne awufoɔ+ no nhyira no.”+ Na Naomi ka toaa so sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa.+ Ɔyɛ busuani a ɔbɛtumi agye yɛn.”+