Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 30:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Sɛ mosan+ ba Yehowa nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu,+ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛma wɔasan aba asase yi so,+ ɛfiri sɛ Yehowa, mo Nyankopɔn no yɛ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.”+

  • Nehemia 9:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Wɔantie,+ na wɔankae+ w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, mmom no, wɔsenee wɔn kɔn+ na wɔyii obi sɛ ɔnni wɔn anim+ nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt. Nanso woyɛ Nyankopɔn a wode bɔne firie,+ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ wo bo kyɛre fu+ na w’adɔeɛ dɔɔso,+ enti woampo wɔn.+

  • Yoel 2:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+

  • Luka 6:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Monkɔ so nhu mmɔbɔ sɛdeɛ mo Agya hunu mmɔbɔ no.+

  • Hebrifoɔ 8:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Na mɛhu wɔn mmɔbɔ wɔn nnebɔne+ ho, na merenkae wɔn bɔne bio da.’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane