2 Berɛsosɛm
30 Ɛnna Hesekia soma kɔɔ Israel+ ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ nkrataa nso kɔmaa Efraim+ ne Manase+ sɛ wɔmmra Yehowa fie+ wɔ Yerusalem mmɛdi twam+ mma Yehowa, Israel Nyankopɔn. 2 Nanso ɔhene ne ne mpanimfoɔ+ ne Yerusalem badwa+ no nyinaa bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛdi twam no bosome a ɛtɔ so mmienu+ no mu, 3 ɛfiri sɛ wɔantumi anni no berɛ no mu;+ ná asɔfoɔ+ a wɔadwira wɔn ho no nnɔɔso, afei nso na ɔman no mmoaboaa wɔn ano Yerusalem. 4 Asɛm no sɔɔ ɔhene ne badwa no nyinaa ani.+ 5 Enti wɔkaa sɛ wɔnka+ no Israel nyinaa, ɛfiri Beer-Seba+ kɔsi Dan,+ sɛ wɔmmra mmɛdi twam no mma Yehowa, Israel Nyankopɔn, wɔ Yerusalem. Ná nnipadɔm saa mmɔɔ mu nnii+ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no.+
6 Na ammirikatufoɔ+ no de nkrataa a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ+ nsam no kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no, sɛ: “Israelfoɔ, monsan+ mmra Yehowa, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn+ nkyɛn, na ɔno nso nsan mmra wɔn a wɔafiri Asiria ahemfo+ nsam aka+ ama mo no nkyɛn. 7 Monnyɛ sɛ mo agyanom+ ne mo nuanom a wɔanni Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn nokorɛ maa enti ɔde wɔn yɛɛ ahodwirideɛ+ sɛdeɛ mohunu yi no. 8 Enti monnsensene mo kɔn+ sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no. Mommrɛ mo ho ase mma Yehowa+ na mommra ne kronkronbea+ a wate ho+ de rekɔsi daa no mu, na monsom+ Yehowa, mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ+ afiri mo so. 9 Sɛ mosan+ ba Yehowa nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu,+ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛma wɔasan aba asase yi so,+ ɛfiri sɛ Yehowa, mo Nyankopɔn no yɛ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.”+
10 Na ammirikatufoɔ+ no kyinkyinii nkuro nkuro mu, Efraim+ ne Manase asase nyinaa so de kɔsii Sebulon, nanso nkurɔfoɔ sereseree wɔn, na wɔdii wɔn ho fɛ.+ 11 Nnipa mmaako mmaako bi+ a wɔfiri Aser ne Manase ne Sebulon na wɔbrɛɛ wɔn ho ase+ baa Yerusalem. 12 Yuda deɛ, nokorɛ Nyankopɔn nsa baa wɔn so maa wɔnyaa akoma korɔ+ de dii Yehowa asɛm a ɔhene ne ne mpanimfoɔ hyɛeɛ+ no so.+
13 Na nnipa pii boaa wɔn ano Yerusalem+ sɛ wɔrebɛdi paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ no, bosome a ɛtɔ so mmienu+ no mu; ná wɔyɛ asafo kɛseɛ paa. 14 Ɛnna wɔsɔreeɛ, na wɔyiyii afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yerusalem ne aduhwamhyeɛ afɔrebukyia+ no nyinaa, na wɔkɔto guu Kidron subɔn+ no mu. 15 Ɛno akyi no, wɔkum twam+ dwan no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan; asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ani wuiɛ, na wɔdwiraa+ wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa Yehowa fie hɔ. 16 Wɔgyinagyinaa+ wɔn gyinabea sɛdeɛ wɔahyɛ ne sɛdeɛ Onyankopɔn nipa Mose mmara no teɛ, na asɔfoɔ+ no gyee mogya no Lewifoɔ no nsam de peteeɛ. 17 Ná nnipa bebree wɔ badwa no mu a wɔnyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifoɔ+ no na wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnkunkum twam nnwan+ no mma wɔn a wɔn ho nteɛ no mfa nnwira wɔn ho mma Yehowa. 18 Saa berɛ no nnipa pii a wɔnnwiraa+ wɔn ho dii twam no, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no;+ ná wɔn mu bebree firi Efraim+ ne Manase+ ne Isakar ne Sebulon.+ Nanso Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn+ sɛ: “Yehowa a ɔyɛ+ no mfa nkyɛ 19 obiara a wasiesie n’akoma+ sɛ ɔrehwehwɛ nokorɛ Nyankopɔn Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no; sɛ ɔntee ne ho mmaa akronkronneɛ mpo a ɔmfa nkyɛ no.”+ 20 Na Yehowa tiee Hesekia, na ɔsaa nnipa no yareɛ.+
21 Na Israelfoɔ a wɔbaa Yerusalem no de ahurisie kɛseɛ+ dii paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ no nnanson, na Lewifoɔ+ ne asɔfoɔ+ no bɔɔ dwom dendeenden maa Yehowa da biara de yii Yehowa ayɛ.+ 22 Bio nso Hesekia ne Lewifoɔ a wɔde adwempa resom Yehowa+ no nyinaa kasaa akomatɔyam+ so. Wɔdii afahyɛ no nnanson,+ na wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ,+ na wɔkaa wɔn bɔne+ kyerɛɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no.
23 Ɛnna badwa no nyinaa yɛɛ adwene+ sɛ wɔde nnanson bɛka ho,+ na wɔde ahurisie dii no nnanson bio. 24 Na Yuda hene Hesekia de afɔrebɔdeɛ maa+ badwa no; ɔde anantwinini apem ne nnwan mpemnson maa badwa no, na mpanimfoɔ+ no nso de anantwinini apem ne nnwan mpem du. Na asɔfoɔ+ no pii dwiraa wɔn ho. 25 Nnipa a wɔfiri Yuda+ nyinaa, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ no, ne nnipa a wɔfiri Israel baeɛ+ nyinaa, ne ahɔhoɔ+ a wɔfiri Israel asase so baeɛ+ ne wɔn a wɔtete Yuda no dii ahurisie.+ 26 Ahurisidie kɛseɛ baa Yerusalem; ɛfiri Dawid ba, Israel hene Solomon berɛ soɔ,+ ebi mmaa Yerusalem saa da.+ 27 Ɛnna Lewifoɔ, asɔfoɔ no sɔreeɛ, na wɔhyiraa+ nnipa no; Onyankopɔn tiee wɔn, ma enti wɔn mpaebɔ no duruu ne tenabea kronkron hɔ wɔ soro.+