10 Ɛbɛba saa ɛfiri sɛ wobɛtie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no so,+ na wode w’akoma ne wo kra nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+
3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: “Sɛ mo akoma nyinaa na mode resan aba Yehowa nkyɛn+ a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo nkyɛn+ ne Astoret ahoni+ no mfiri mo mu, na momfa mo akoma mũ nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nko ara,+ na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ no nsam.”+
13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+