Mmebusɛm 14:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia no yɛ bɔne,+ na anigyeɛ ne deɛ ɔdom mmɔborɔni.+ Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+ Asomafoɔ Nnwuma 20:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Mada no adi akyerɛ mo adeɛ nyinaa mu sɛ ɛtwa sɛ moyɛ adwumaden+ saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ+ no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu no ara kaeɛ no sɛ, ‘Ɔma+ mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.’”
35 Mada no adi akyerɛ mo adeɛ nyinaa mu sɛ ɛtwa sɛ moyɛ adwumaden+ saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ+ no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu no ara kaeɛ no sɛ, ‘Ɔma+ mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.’”