Mmebusɛm 11:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame adeɛ, nanso hia ara na ɛhia no.+ Mmebusɛm 21:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔsisi n’aso ɔbrɛfoɔ su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye ne so.+ Mmebusɛm 28:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Deɛ ɔma ohiani no, hwee renhia no,+ na deɛ ɔyi n’ani deɛ, ɔbɛnya nnome pii.+ Mateo 5:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Anigyeɛ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ. Mateo 10:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Deɛ ɔgye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ odiyifoɔ nti no bɛnya odiyifoɔ akatua,+ na deɛ ɔgye ɔteneneeni sɛ ɔyɛ ɔteneneeni nti no bɛnya ɔteneneeni akatua.+ Hebrifoɔ 6:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene sɛ ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfoɔ+ na moda so som wɔn no. Yakobo 2:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na deɛ ɔnhu mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ+ wɔ atemmuo mu. Mmɔborɔhunu di atemmuo so nkonim.
41 Deɛ ɔgye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ odiyifoɔ nti no bɛnya odiyifoɔ akatua,+ na deɛ ɔgye ɔteneneeni sɛ ɔyɛ ɔteneneeni nti no bɛnya ɔteneneeni akatua.+
10 Na Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene sɛ ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfoɔ+ na moda so som wɔn no.