Deuteronomium 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+ Dwom 41:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+Yehowa bɛgye no ahohia da mu.+ Mmebusɛm 14:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia no yɛ bɔne,+ na anigyeɛ ne deɛ ɔdom mmɔborɔni.+ Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+ Mmebusɛm 22:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ ɔhu mmɔbɔ no bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ ɔde aduane ma ohiani.+ Yesaia 58:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduane mu ama deɛ ɛkɔm de no,+ na wode ahiafoɔ a wɔnni baabi teɛ akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛhunu obi a ɔda adagya na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhunta wo nua?+ 2 Korintofoɔ 9:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na yei mu no, deɛ ɔgu no pɛpɛɛ+ soɔ no bɛtwa pɛpɛɛ so, na deɛ ɔgu pii+ no bɛtwa pii. Hebrifoɔ 13:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+
7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+
7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduane mu ama deɛ ɛkɔm de no,+ na wode ahiafoɔ a wɔnni baabi teɛ akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛhunu obi a ɔda adagya na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhunta wo nua?+
16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+