Exodus 22:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 “Nteetee ɔhɔhoɔ na nhyɛ ne so,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ Egypt asase so.+ Exodus 23:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Nhyɛ ɔhɔhoɔ so,+ na monim sɛdeɛ ɔhɔhoɔ kra teɛ, ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asase so.+ Leviticus 19:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Mommu ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no sɛ kuromanni, na monnɔ no sɛ mo ho,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ Egypt asase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.
9 “Nhyɛ ɔhɔhoɔ so,+ na monim sɛdeɛ ɔhɔhoɔ kra teɛ, ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asase so.+
34 Mommu ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no sɛ kuromanni, na monnɔ no sɛ mo ho,+ ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ Egypt asase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.