Rut
4 Na Boas kɔtenaa kuro no pono ano.+ Boas bɛhwɛ a, abusua mu ɔgyefoɔ a ɔkaa ne ho asɛm no+ na ɔretwam yi. Ɛnna ɔfrɛɛ no sɛ: “Asomasi ee, mane bra ha bɛtena ase.” Enti ɔmane kɔtenaa ase. 2 Afei ɔfrɛɛ kuro no mu mpanimfoɔ+ du baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Montena ase.” Na wɔtenatenaa ase.
3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔgyefoɔ+ no sɛ: “Naomi a ɔfiri Moab asase so+ baeɛ no retɔn yɛn nua Elimelek+ asase no. 4 Mayɛ m’adwene sɛ mɛbɔ wo amanneɛ sɛ, ‘Tɔ+ no kurom hafoɔ ne me man mpanimfoɔ yi anim.+ Enti sɛ wobɛgye a, gye; na sɛ worennye nso a, ka kyerɛ me ma menhunu, ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agyeɛ sɛ wo,+ na sɛ wonni hɔ a, me na mewɔ hɔ.’” Na ɔkaa sɛ: “Mɛgye.”+ 5 Ɛnna Boas kaa sɛ: “Da a wobɛtɔ asase no afiri Naomi nsam no, ɛkyerɛ sɛ woatɔ afiri Moabni Rut a ne kunu awuo no nso nsam, na ama owufoɔ no din aba n’agyapadeɛ so.”+ 6 Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: “Merentumi nnye na mansɛe me ara m’agyapadeɛ. Kɔgye, mama wo kwan sɛ gye ɛfiri sɛ merentumi nnye.”
7 Saa berɛ no sɛ wɔregye biribi anaa wɔredane biribi ama obi wɔ Israel a, deɛ na wɔyɛ de hyɛ mu den nie: Ná onipa no yi ne mpaboa+ de ma ne yɔnko no, na yei na na wɔde yɛ adanseɛ wɔ Israel. 8 Enti berɛ a ɔgyefoɔ no ka kyerɛɛ Boas sɛ: “Tɔ” no, ɔyii ne mpaboa.+ 9 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no ne nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ: “Mone adansefoɔ+ nnɛ sɛ matɔ biribiara a ɛyɛ Elimelek ne Kilion ne Malon dea afiri Naomi nsam. 10 Na Moabni Rut, Malon yere nso, meretua ne ho ka aware no na owufoɔ no din+ aba n’agyapadeɛ so, na owufoɔ no din anyera amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ+ nnɛ.”
11 Ɛnna nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuro no pono ano ne mpanimfoɔ no nyinaa kaa sɛ: “Yɛyɛ adansefoɔ! Yehowa mma ɔbaa a ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel+ ne Lea+ a wɔn mmienu akyekyere Israel fie+ no; yɛ onipa a ɔdi mu wɔ Efrata+ na nya din pa wɔ Betlehem.+ 12 Na asefoɔ a Yehowa de bɛma wo afiri ababaa+ yi mu no mma wo fie nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda+ no fie.”
13 Ɛnna Boas waree Rut, na ɔkɔɔ ne ho. Na Yehowa maa no nyinsɛnee+ na ɔwoo ɔbabarima. 14 Na mmaa no ka kyerɛɛ+ Naomi sɛ: “Nhyira nka Yehowa+ a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ no; ma wɔmmɔ ne din wɔ Israel. 15 Ɔno na wama wo kra ho asane no, na ɔno na wawowa wo wɔ wo mmerewaberɛ mu,+ ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ woɔ,+ na ɔsene mma mmarima nson+ no na wawo abɔfra yi.” 16 Ɛnna Naomi faa abɔfra no de no bɔɔ ne bo, na ɔno na na ɔhwɛ no. 17 Na mpɔtamu hɔfoɔ mmaa+ no too ne din kaa sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama Naomi.” Na wɔfrɛɛ no Obed.+ Ɔno na ɔwoo Dawid papa Yese.+
18 Peres+ awoɔ ntoatoasoɔ nie: Peres woo Hesron;+ 19 na Hesron woo Ram; na Ram+ woo Aminadab; 20 na Aminadab+ woo Naason;+ na Naason woo Salmon; 21 na Salmon+ woo Boas; na Boas+ woo Obed; 22 na Obed woo Yese;+ na Yese woo Dawid.+